Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 5

1 Ɛberɛ a Amorifoɔ ahemfo nyinaa a wɔwɔ Yordan atɔeɛ fam ne Kanaanfoɔ ahemfo a wɔwɔ Ɛpo Kɛseɛ no mpoano tee Awurade ama Asubɔnten Yordan awe Israelfoɔ anim ama wɔatwa no, wɔn akoma tuiɛ na ehu kyekyeree wɔn.

Israelfoɔ Sane Apam No Ho Amanneɛ

2 Saa ɛberɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Yosua , "twerɛboɔ sekammoa na fa twa Israelfoɔ no twetia bio." 3 Enti, Yosua yɛɛ twerɛboɔ sekammoa no de twitwaa Israelfoɔ nyinaa twetia Aaralot kokoɔ so.

4 Na ɛsɛ Yosua twitwa wɔn twetia, ɛfiri , mmarima a na wɔanyinyini a wɔtumi ko ɛberɛ a wɔfirii Misraim no nyinaa awuwu ɛserɛ no so. 5 Nnipa a wɔtu firii Misraim baeɛ no, na wɔatwitwa wɔn nyinaa twetia. Nanso wɔn a wɔwowoo wɔn ɛserɛ no so Otukorɔ berɛ no mu no deɛ, na wɔntwitwaa wɔn twetia. 6 Israelfoɔ no kyinkyinii ɛserɛ no so mfeɛ aduanan kɔsii mmarima a wɔtumi ko ɛberɛ a wɔrefiri Misraim no nyinaa wuwuiɛ. Ɛfiri , wɔyɛɛ asoɔden maa Awurade, na ɔkaa ntam ɔremma wɔn nan rensi asase a waka ntam ɔde bɛma yɛn no so, asase a nufosuo ne ɛwoɔ resene so no. 7 Enti Yosua twitwaa wɔn mmammarima a wɔntwaa wɔn twetia no twetia ɛberɛ a na wɔrekɔ Bɔhyɛ Asase no so no. Yeinom wɔn a na wɔanyinyini a wɔtumi si wɔn agyanom anan mu no. 8 Ɔtwaa mmarima no nyinaa twetia wieeɛ no, wɔgyee wɔn ahome atenaeɛ kɔsii wɔn ho tɔɔ wɔn.

9 Afei, Awurade ka kyerɛɛ Yosua , "Ɛnnɛ mayi mo nkoayɛ Misraim ho animguaseɛ no afiri mo so." Ɛno enti, wɔfrɛ beaeɛ Gilgal de bɛsi ɛnnɛ.

10 Ɛberɛ a Israelfoɔ no Gilgal atenaeɛ Yeriko asase parada no so no, wɔdii Twam Afahyɛ no bosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ so dunan no anwummerɛ. Saa bosome no na wɔde kae ɛberɛ a wɔtu firii Misraim no. 11 Ɛda no ara, wɔhyɛɛ aseɛ dii apiti ne aburoo a wɔtwa firii asase no so a wɔakye. 12 Mana amma ɛda no na wɔanhunu bi nso bio. Enti, ɛfiri saa ɛberɛ no, Israelfoɔ no dii Kanaan asase no so nnɔbaeɛ.

Awurade Sahene Hyia Yosua

13 Ɛberɛ a Yosua rebɛn Yeriko kuropɔn no, ɔpagyaa nʼani hunuu ɔbarima bi a ɔkura akofena rehyia no. Yosua kɔɔ ne nkyɛn bisaa no , "Wowɔ yɛn afa anaa woyɛ ɔtamfoɔ?"

14 Na ɔbarima no buaa , "Menyɛ wɔn mu biara, meyɛ Awurade asraadɔm so safohene." Yosua tee yei no, ɔdaa de nʼanim butuu fam anidie mu na ɔkaa , "Kyerɛ me deɛ menyɛ, ɛdeɛn na wopɛ wo ɔsomfoɔ ?"

15 Awurade asraadɔm safohene no buaa , "Yi wo mpaboa na ɛha asase kronkron." Na Yosua yɛɛ deɛ ɔkyerɛɛ no ɔnyɛ no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também