Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 10

Israel Di Atɔeɛ Fam Ahemfo So

1 Yerusalemhene Adoni-Sedek tee Yosua afa Ai na wasɛe no pasaa, akum ɛhɔ ɔhene, sɛdeɛ wasɛe Yeriko kuropɔn akum ɛhɔ ɔhene no. Ɔtee nso Gibeonfoɔ ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam, na wɔayɛ baako. 2 Ɛno enti, ɔne ne nkurɔfoɔ bo tuu yie, ɛfiri , Gibeon kuropɔn kɛseɛ te ahemman no nkuropɔn no bi a ɛso sene Ai. Na Gibeon mmarima no nyinaa nso akofoɔ a wɔyɛ dene. 3 Enti, Yerusalemhene Adoni-Sedek soma ma wɔkɔɔ ahemfo afoforɔ bebree nkyɛn: Hebronhene Hoham ne Yarmuthene Piram ne Lakishene Yafia ne Eglonhene Debir kɔka kyerɛɛ wɔn , 4 "Mommra mmɛboa me na yɛnsɛe Gibeon, ɛfiri , wɔne Yosua ne Israelfoɔ ayɛ asomdwoeɛ apam."

5 Enti, Amorifoɔ ahemfo baanum no de wɔn akodɔm bɔɔ mu maa ɔko. Wɔde wɔn akodɔm no gyinagyinaeɛ, na afei wɔto hyɛɛ Gibeon so.

6 Na Gibeonfoɔ no soma kɔɔ Yosua nkyɛn Gilgal. Wɔkɔka kyerɛɛ no , "Nnyaa wʼasomfoɔ. Bra yɛn nkyɛn ntɛm bɛgye yɛn nkwa! Bɛboa yɛn, ɛfiri , Amorifoɔ ahemfo a wɔte mmepɔ so de wɔn akodɔm rebɛko atia yɛn."

7 Enti, Yosua ne Israel akodɔm nyinaa firii Gilgal wɔrekoboa Gibeonfoɔ. 8 Awurade ka kyerɛɛ Yosua , "Nnsuro wɔn; mɛma woadi wɔn so nkonim. Wɔn mu biara rentumi ne wo nnyina."

9 Yosua nantee anadwo mu no nyinaa firii Gilgal kɔfuu Amorifoɔ akodɔm no mu. 10 Awurade ma wɔbɔɔ hu Israelfoɔ no anim, na wɔkunkumm wɔn mu bebree Gibeon. Israelfoɔ no taa atamfoɔ no faa ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon no, na wɔto hyɛɛ wɔn so kunkumm wɔn Aseka ne Makeda. 11 Ɛberɛ a Amorifoɔ redwane ɛkwan a ɛkɔ Bet-Horon so no, Awurade himm aboɔ akɛseɛ guu wɔn so kɔsii wɔduruu Aseka. Aboɔ no kunkumm wɔn mu bebree sene dodoɔ a Israelfoɔ de akofena kunkumm wɔn no.

12 Ɛda a Awurade de Amorifoɔ no hyɛɛ Israelfoɔ no nsa no, Yosua bɔɔ Awurade mpaeɛ Israelfoɔ no anim ,

"Ma owia nnyina dinn Gibeon so

na ɔsrane nso ntae Ayalon bɔnhwa mu."

13 Na owia ne ɔsrane gyinaa dinn,

kɔsii Israelfoɔ dii atamfoɔ no so.

Wɔntwerɛɛ saa nsɛm yi Teefoɔ Nwoma no mu anaa?

Owia gyinaeɛ ewiem mfimfini na ankɔtɔ sɛdeɛ ɛyɛ daa no. 14 Awurade ko maa Israel ɛda no. Ebi nsii saa da na ebi rensi da saa da no a Awurade tiee abisadeɛ sei firii onipa nkyɛn.

15 Na Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ Gilgal atenaeɛ .

Yosua Kum Ahemfo Baanum

16 Ɔko no mu, ahemfo baanum no dwane kɔhyɛɛ Makeda ɔbodan mu. 17 Yosua tee wɔahunu wɔn no, 18 ɔhyɛɛ , "Momfa abotan akɛseɛ nsi ɔbodan no ano kwan, na momma awɛmfoɔ no nnwɛn ano na ahemfo no nhyɛ mu. 19 Mo a moaka no nso, montaa atamfoɔ no na monkunkum wɔn mfiri akyire. Mommma wɔnnkɔ wɔn nkuro so, ɛfiri , Awurade, mo Onyankopɔn bɛma mo adi wɔn so nkonim."

20 Enti, Yosua ne Israel akodɔm toaa so kunkumm wɔn, tɔree akodɔm enum no ase ma ɛkaa ɛdɔm no kakra bi a wɔtumi dwane kɔɔ wɔn nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no mu. 21 Afei, Israelfoɔ no sane baa Yosua nkyɛn asomdwoeɛ mu Makeda. Ɛno akyi, obiara suroo ɔbɛkasa atia Israel.

22 Afei, Yosua kaa , "Monyiyi abotan a ɛkata ɔbodan no ano no na momfa ahemfo baanum no mmrɛ me." 23 Enti, wɔkɔyii ahemfo baanum no firi ɔbodan no mu baeɛ: Yerusalemhene, Hebronhene, Yarmuthene, Lakishene ne Eglonhene. 24 Yosua ka kyerɛɛ nʼakodɔm asahene no , "Mommra mmɛtiatia ahemfo no kɔn so." Na wɔyɛɛ sɛdeɛ wɔkyerɛɛ wɔn no.

25 Yosua ka kyerɛɛ nʼasraafoɔ no , "Monnsuro na mommma mo abamu mmu da. Monyɛ den na mo bo nyɛ duru, ɛfiri , Awurade rebɛyɛ yei atia mo atamfoɔ nyinaa." 26 Yosua kunkumm ahemfo baanum no mmaako mmaako de wɔn sensɛn nnua enum so kɔsii anwummerɛ.

27 Owia rekɔtɔ no, Yosua hyɛɛ wɔnyiyi ahemfo no amu no mfiri nnua no so na wɔnkɔto wɔn ngu ɔbodan a wɔkɔtetɛɛ mu no mu. Afei, wɔde abotan akɛseɛ mmoano sii ɔbodan no ano a ɛda so bɛsi ɛnnɛ.

Israelfoɔ Sɛe Anafoɔ Fam Nkuropɔn

28 Ɛda no ara, Yosua sɛee Makeda kuropɔn no pasaa, kumm obiara a ɔwɔ mu ne ɛhɔ ɔhene no. Onipa baako koraa anka kuropɔn no mu. Ɔkumm Makedahene te deɛ ɔkumm Yerikohene no.

29 Afei, Yosua ne Israelfoɔ no kɔɔ Libna kɔto hyɛɛ wɔn so. 30 Ɛhɔ nso, Awurade de kuropɔn no ne ɛhɔ ɔhene no maa wɔn. Wɔkunkumm obiara a ɔwɔ kuropɔn no mu a anka ɔteasefoɔ fua po. Na Yosua kumm Libnahene sɛdeɛ ɔkumm Yerikohene no.

31 Yosua ne Israelfoɔ no firi Libna no, wɔkɔɔ Lakis kɔto hyɛɛ wɔn so. 32 Na ne nnanu so no, Awurade de Lakis maa Israelfoɔ. Ɛhɔ nso, wɔkunkumm kuropɔn no mu nnipa nyinaa sɛdeɛ wɔyɛɛ Libna no. 33 Wɔto hyɛɛ Lakis so no, Geserhene Horam de nʼakodɔm baa wɔrebɛboa abɔ kuropɔn no ho ban. Nanso Yosua mmarima no kumm no sɛee nʼakodɔm no nyinaa.

34 Ɛnna Yosua ne ne Israel akodɔm no kɔɔ Eglon kɔto hyɛɛ so. 35 Wɔde ɛda koro faa kuro no dommum na ɛhɔ nso, wɔkumm obiara kuropɔn no mu sɛdeɛ wɔyɛɛ Lakis.

36 Wɔfiri Eglon no, wɔkɔto hyɛɛ Hebron so, 37 faa ne nkuro a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ Eglon no, wɔkunkumm ɛhɔ nnipa nyinaa. Onipa baako koraa anka.

38 Afei, wɔsane wɔn akyi kɔto hyɛɛ Debir so. 39 Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no.

40 Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, hyɛɛ no. 41 Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen10.41 Ɛnsɛ sɛ wɔde saa Gosen yi ma Gosen a ɛwɔ Nil hɔ no. kɔduruu Gibeon. 42 Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri , na Awurade, Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ.

43 Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ Gilgal.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também