Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 16

Efraim Ne Manase Agyapadeɛ

1 Yosef asefoɔ no kyɛfa firi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, Yeriko nsuwa no apueeɛ fam, kɔfa ɛserɛ no so kɔpue Bet-El bepɔ asase no so. 2 Ɛfiri Bet-El (a ɛyɛ Lus) a, ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifoɔ mantam mu. 3 Esiane fa atɔeɛ fam kɔsi Bet-Horon Anafoɔ a ɛwɔ Yafletifoɔ mantam mu. Ɛtoa so Geser na afei akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no mu.

4 Yosef mmammarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapadeɛ.

Asase A Wɔde Maa Efraim

5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua wɔn agyapadeɛ.

Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri Bet-Horon Soro, 6 na akɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho. Atifi fam ɛhyeɛ no firi Ɛpo Kɛseɛ no, ɛfa apueeɛ fam, twam Mikmetat, na akontono afa apueeɛ fam, atwam Taanat-Silo akɔ Yanoa apueeɛ fam. 7 Ɛfiri Yanoa a, ɛdane fa anafoɔ fam Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. 8 Ɛfiri Tapua a, ɛhyeɛ no atɔeɛ fam, nam Kana Suka no mu kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Saa agyapadeɛ yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu Efraim abusuakuo no.

9 Wɔde nkuro bi ne wɔn nkuraaseɛ a ɛwɔ Manase abusuakuo no fa mantam mu maa Efraim.

10 Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te nkoa bɛsi ɛnnɛ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também