Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 20

Dwanekɔbea Nkuropɔn

1 Awurade ka kyerɛɛ Yosua , 2 "Afei, ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔnyiyi dwanekɔbea nkuropɔn no sɛdeɛ mehyɛɛ Mose no. 3 Obiara a wanhyɛ da na ɔbɛkum obi no tumi dwane nkuropɔn yi bi so, kɔbɔ ne ho adwaa, sɛdeɛ owufoɔ no abusuafoɔ no ntumi ntɔ okum no so were. 4 onipa a wanhyɛ da na ɔkum obi no duru kuropɔn no bi so a, ɔnkɔhunu kuropɔn no mu mpanimfoɔ kuropɔn no ɛpono ano na ɔnkyerɛ wɔn deɛ ɛsiiɛ. Ɛsɛ wɔma ho kwan ma ɔwura kuropɔn no mu, na wɔne no tena. 5 owufoɔ no abusuafoɔ ba wɔrebɛtɔ okum no so were a, ɛnsɛ mpanimfoɔ no yi okumfoɔ no ma, ɛfiri , ɛyɛ ɛsiane. 6 Nanso, ɛsɛ okumfoɔ no tena kuropɔn no mu na ɔmanfoɔ di nʼasɛm bu no bem. Na ɛsɛ okumfoɔ no so tena kuro no mu, ɛfiri , owuo no asiane. Ɔbɛtena akɔsi ɔsɔfopanin a ɔwɔ saa ɛberɛ no a asɛm no siiɛ no bɛwu. Ɛno akyi, okumfoɔ no ho kwan ɔsane ne kurom."

7 Nkuropɔn a ɛdidi so yi na wɔyiyi yɛɛ dwanekɔbea nkuropɔn: Kedes a ɛwɔ Galilea Naftali bepɔ asase so, Sekem a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, Kiriat-Arba a wɔfrɛ no Hebron a ɛwɔ Yuda bepɔ asase so. 8 Na Asubɔnten Yordan apueeɛ fam nso a ɛtwam firi Yeriko no, saa nkuropɔn a ɛdidi soɔ yi na wɔyiyii dwanekɔbea nkuropɔn: Beser a ɛwɔ ɛserɛ pradada so a ɛyɛ Ruben abusuakuo dea no, Ramot a ɛwɔ Gilead a ɛwɔ Gad abusuakuo asase so ne Golan a ɛwɔ Basan a ɛyɛ Manase abusuakuo no asase. 9 Yeinom ne nkuropɔn a wɔyiyi maa Israelfoɔ ne ahɔhoɔ a wɔne wɔn teɛ no. Obiara a wanfiri boapayɛ mu ankum ɔfoforɔ no, ɔtumi kɔpɛ dwanekɔbea saa nkuropɔn yi mu biara so. wɔfa saa ɛkwan yi so a wɔn a wɔrepɛ aweretɔ nsa renka awudifoɔ no nkum wɔn ansa na wɔaba ɔmanfoɔ asɛnniiɛ abɛyi wɔn ho ano.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também