Pular para o conteúdo
Publicidade

Yosua 12

Ahemfo A Wɔdii Wɔn So Yordan Apueeɛ Fam

1 Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.

2 Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so.

Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.

3 Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase.

4 Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.

5 Na ɔdii ɔhene ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.

6 Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no.

Yordan Apueeɛ Fam Ahemfo A Wɔdii Wɔn So

7 Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no wɔn agyapadeɛ, 8 a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ no Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ.

Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

9 Yerikohene baako

Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene baako

10 Yerusalemhene baako

Hebronhene baako

11 Yarmuthene baako

Lakishene baako

12 Eglonhene baako

Geserhene baako

13 Debirhene baako

Gederhene baako

14 Hormahene baako

Aradhene baako

15 Libnahene baako

Adulamhene baako

16 Makedahene baako

Bet-Elhene baako

17 Tapuahene baako

Heferhene baako

18 Afekhene baako

Lasaronhene baako

19 Madonhene baako

Hasorhene baako

20 Simronhene baako

Aksafhene baako

21 Taanakhene baako

Megidohene baako

22 Kedeshene baako

Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene baako

23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene baako

amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene baako

24 Tirsahene baako

  Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também