Publicidade

Hebreus 12

Yɛn Agya Nyankopɔn

1 Yɛn deɛ, yɛwɔ adansefoɔ bebree a wɔatwa yɛn ho ahyia. Momma yɛntwe yɛn ho mfiri akwansideɛ nyinaa ne bɔne a akyekyere yɛn dendeenden no nyinaa ho na yɛnyere yɛn ho mmirikakansie a ɛda yɛn anim no. 2 Momma yɛmfa yɛn ani nto Yesu a yɛn gyidie ahyɛaseɛ ne nʼawieeɛ gyina ne so no so. Asɛnnua no enti, wampa aba. Esiane anigyeɛ a na ɛretwɛn no no enti, animguasewuo a ɔwuu asɛnnua so no anha no. Enti, seesei ɔte Onyankopɔn ahennwa no nifa so. 3 Dwene ɔhaw a ɔfaa mu no ho nnipa nnebɔneyɛfoɔ tan a wɔtanee no nso, ɔtumi gyinaa ano no. Ɛno enti mommpa aba. 4 Na mo ne bɔne ko mu no, monnko nkɔduruu mobɛhwie mogya agu.

Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn

5 Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo ne mma no ,

"Me ba, Awurade tene wo so a, tie no yie,

na ɔka wʼanim a, mpa aba.

6 Ɛfiri , obiara a Awurade nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,

sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no."

7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no Agya no ntenesoɔ, ɛfiri , mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so ne mma. Ɔba bi a nʼagya ntene ne so da? 8 wantene mo so ne mma no bi a, na ɛkyerɛ monnyɛ ne mma kann. 9 yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase? 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte. 11 wɔtwe yɛn aso a, ɛma yɛn werɛ ho saa ɛberɛ no mu, na yɛn ani nnye. Na akyire no, wɔn a wɔfa saa asotwe no mu na wɔnya wɔn ho nteaseɛ no, wɔnya asomdwoeɛ na wɔtena ase tenenee mu.

12 Montenetene nsa ne nkotodwe a emu agogo no mu. 13 Monsiesie akwan na momfa so, na mpakye anyɛ mmubuafoɔ, na mmom, wɔasa wɔn yadeɛ.

14 Mo ne nnipa nyinaa ntena ase asomdwoeɛ mu, na mommɔ mmɔden ntena ase tenenee mu. Anyɛ saa a, morenhunu Awurade. 15 Monhwɛ yie na mo mu bi annane nʼakyi ankyerɛ Onyankopɔn adom no. Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ afifideɛ a ɛyɛ nwono a ɛnyini ma ne bɔnwoma no ha afoforɔ. 16 Monhwɛ yie na mo mu bi anyɛ odwamanfoɔ ne obi a ɔmfɛre Onyankopɔn Esau a ɔbuu nʼani guu nʼagyapadeɛ so tɔnee nʼabakan de gyee aduane no. 17 Na afei ɛduruu ɛberɛ bi a ɔpɛɛ ne nsa ka nʼagya nhyira no, ɔde kamee no no. Ɛwom ɔde nisuo peree wanya adwensakyera deɛ, nanso anyɛ yie.

Onyankopɔn Animuonyam

18 Monhyiaa nneɛma a ɛyɛ hu, ogyaframa, awerɛhoɔ, esum ne ahum sɛdeɛ Israelfoɔ no hyiaa Sinai Bepɔ no so ɛberɛ a Onyankopɔn de ne mmara no maeɛ no. 19 Ɛfiri , na wɔrebɔ totorobɛnto dendeenden a ɛnne bi a ɛreka kasa a ɛyɛ hu nenam mu, enti nnipa no srɛɛ Onyankopɔn ɔnnyae kasa, 20 ɛfiri , na wɔntumi nni mmara a na ɛka , "mpo aboa koraa de ne ho ka bepɔ no a, ɛsɛ wɔsi no aboɔ kum no" no so. 21 Na beaeɛ hu ara kɔsii Mose kaa . "Mesuro, na me ho popo."

22 Na mo deɛ moaba Sion Bepɔ so ne Onyankopɔn a ɔte ase no kuro, ɔsorosoro Yerusalem a ɔsoro abɔfoɔ mpempem mu no mu. 23 Moaba Onyankopɔn asafo mma dada a wɔn ani gye wɔn ho a wɔatwerɛ wɔn din ɔsoro no mu. Moaba Onyankopɔn a ɔyɛ nnipa nyinaa ɔtemmufoɔ ne ateneneefoɔ a wɔayɛ wɔn no mu. 24 Moaba Yesu a ɔhyehyɛɛ apam foforɔ ne mogya a wɔapete a ɛka nneɛma pa ho asɛm sene Habel mogya no ho.

25 Monhwɛ mo ho so yie na moammu mo ani angu asɛm a ɔka so. Wɔn a wɔantie deɛ ɔkasa firii asase so no amfa wɔn ho anni. Na ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane afiri deɛ ɔkasa firi ɔsoro no ho? 26 Ne nne wosoo asase saa ɛberɛ no, nanso seesei wahyɛ , "Ɛnyɛ asase nko na mɛsane awoso no, na mɛwoso soro nso bio saa ara." 27 Nsɛm "Nso bio saa ara" no da no adi pefee ɔbɛwoso nneɛma a wɔbɔeɛ no na atutu afiri wɔn ananmu na nneɛma a wɔntumi nwoso no aka.

28 Momma yɛnna so ase, ɛfiri , yɛanya ahennie a wɔwoso no a ɛnyɛ yie. Momma yɛn ani nsɔ na yɛmfa ɛkwan a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani a ɛyɛ anidie ne suro so nsom no, 29 ɛfiri , nokorɛ ni, yɛn Onyankopɔn ogya a ɛhye na ɛsɛe adeɛ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-