Onyankopɔn Asotwe Fata Yɛn
5 Mo werɛ afiri nkuranhyɛsɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ mo sɛ ne mma no sɛ,
"Me ba, sɛ Awurade tene wo so a, tie no yie,
na sɛ ɔka wʼanim a, mpa aba.
6 Ɛfiri sɛ, obiara a Awurade pɛ nʼasɛm no, ɔtwe nʼaso,
sɛdeɛ agya tene ɔba a ɔdɔ no so no."
7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da? 8 Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. 9 Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase?