7 Amanehunu biara a ɛbɛto mo no, monnhinhim na momfa no sɛ Agya no ntenesoɔ, ɛfiri sɛ, mo amanehunu no kyerɛ ntenesoɔ a Onyankopɔn retene mo so sɛ ne mma. Ɔba bi wɔ hɔ a nʼagya ntene ne so da? 8 Sɛ wantene mo so sɛ ne mma no bi a, na ɛkyerɛ sɛ monnyɛ ne mma kann. 9 Sɛ yɛn agyanom a wɔwɔ asase so twee yɛn aso maa yɛbuu wɔn a, mpɛn ahe na ɛnsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase ma honhom mu Agya no na yɛtumi tena ase? 10 Yɛn agyanom a wɔwɔ asase so ha twee yɛn aso sɛdeɛ wɔpɛ ɛberɛ tiawa bi. Nanso, yɛn yiedie enti, Onyankopɔn yɛɛ saa sɛdeɛ yɛn ho bɛte.