Publicidade

Hebreus 13

Mmara Ne Nkyea

1 Monnodɔ mo ho mo ho anuanom Kristo mu. 2 Monkae na monnye ahɔhoɔ mo afie mu. Ebinom yɛɛ saa nam so gyee abɔfoɔ a na wɔnnim. 3 Monkae wɔn a wɔda afiase na momfa no mo ne wɔn na ɛda . Monkae wɔn a wɔrehunu amane na momfa no mo ne wɔn na ɛrehunu saa amane no.

4 Mo nyinaa nni awadeɛ ni, na okununom ne ɔyerenom nni wɔn ho nokorɛ, ɛfiri Onyankopɔn bɛbu adwamanfoɔ ne awaresɛefoɔ atɛn. 5 Monyi sikanibereɛ mfiri mo abrabɔ mu, na momma mo ani nsɔ deɛ mo nsa ka. Ɛfiri Onyankopɔn aka ,

"Merennya wo,

na merennya wo da."

6 Momma yɛnsi yɛn bo nka ,

"Awurade ne me ɔboafoɔ, enti merensuro.

Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?"

7 Monkae mo mpanimfoɔ a wɔdii mo anim a wɔkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no. Monkae ɛkwan a wɔfaa so tenaa ase na monsua wɔn gyidie no. 8 Yesu Kristo te saa ara nnora, ɛnnɛ ne daa nyinaa.

9 Mommma nkyerɛkyerɛ foforɔ biara nntwe mo mmfiri ɛkwan pa so. Ɛyɛ Onyankopɔn adom enti, yɛn kra bɛnyini ahoɔden so a ɛmfiri aduane ho mmara a yɛdi so no. Wɔn a wɔdi mmara a ɛte saa so no nnya mmoa biara. 10 Nanso yɛwɔ afɔrebukyia bi a Asɔfoɔ a wɔsom Ahyiaeɛ Ntomadan mu no mpo nni ho ɛkwan wɔdidi so.

11 Yudafoɔ Sɔfopanin de mmoa mogya ba Kronkron mu Kronkron de bɛbɔ bɔne afɔdeɛ nanso wɔhye mmoa no funu beaeɛ no akyi baabi. 12 Yei enti, Yesu nso wuu kuro no ɛpono akyi sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ne mogya bɛma nnipa ayɛ kronkron. 13 Enti momma yɛnkɔ ne nkyɛn beaeɛ no akyi nkɔgye animguaseɛ no bi. 14 Ɛfiri , yɛnni atenaeɛ a ɛwɔ daa asase yi so. Yɛrehwehwɛ kuro a ɛrebɛba no akyiri ɛkwan.

15 Momma yɛmfa Yesu so mfa yɛn anofafa nkamfo Onyankopɔn din daa yɛn afɔrebɔdeɛ. 16 Mommma mo werɛ mfiri mobɛyɛ mo ho mo ho papa aboaboa mo ho mo ho, ɛfiri , ɛno ne afɔrebɔ a ɛsɔ Onyankopɔn ani.

17 Montie mo mpanimfoɔ na monni wɔn asɛm so. Esiane ɛsɛ wɔbu wɔn adwuma ho akonta enti, wɔhwɛ mo kra so a wɔnhome koraa. motie wɔn a, wɔde anigyeɛ bɛyɛ wɔn adwuma. anyɛ saa a wɔde awerɛhoɔ bɛyɛ adwuma no na ɛremmoa mo.

18 Monkɔ so mmɔ mpaeɛ mma yɛn. Yɛnim pefee yɛwɔ adwene a emu da , ɛfiri , yɛpɛ ɛberɛ biara yɛyɛ adeɛ a ɛyɛ. 19 Na mebɔ mpaeɛ so srɛ mo , mommɔ mpaeɛ na Onyankopɔn mfa me mmrɛ mo nnansa yi ara.

20 Onyankopɔn anyane yɛn Awurade Yesu a ɔyɛ odwanhwɛfoɔ panin no afiri awufoɔ mu ama yɛn na ɛnam ne owuo no so enti, wɔasɔ daa apam no ano ama yɛn. 21 Asomdwoeɛ Onyankopɔn mma mo deɛ ɛhia mo nyinaa na monam so ayɛ nʼapɛdeɛ, na ɔnam Yesu Kristo so ayɛ yɛn mu adwuma sɛdeɛ ɛsɔ ani. Animuonyam nka Kristo daa nyinaa. Amen.

22 Anuanom, mesrɛ mo , monyɛ aso ntie nkuranhyɛ nsɛm yi, ɛfiri , saa krataa a matwerɛ mo yi nnyɛ tenten biara.

23 Mepɛ mebɔ mo amaneɛ wɔayi yɛn nua Timoteo afiri afiase. ɔba ntɛm a, me ne no bɛba mo nkyɛn.

24 Yɛkyea mpanimfoɔ no ne Onyankopɔn nkurɔfoɔ no nyinaa.

Anuanom a wɔwɔ Italia no kyea mo.

25 Adom nka mo nyinaa.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-