Publicidade

Apocalipse 1

1 Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no. 3 Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn.

Nkyea

4 Yohane,

Nkyea a ɔkyea asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Asia no nie:

Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri deɛ ɔwɔ , na ɔtenaa , na ɔreba no ne ahonhom nson a wɔwɔ nʼahennwa anim, 5 ne Yesu Kristo a ɔyɛ ɔdanseni nokwafoɔ ne awufoɔ mu abakan ne asase so ahene sodifoɔ no nkyɛn nka mo.

Ɔdɔ yɛn, na ɔnam ne wuo no so agye yɛn afiri yɛn bɔne mu. 6 Wayɛ yɛn ahemman ne asɔfoɔ yɛnsom ne Onyankopɔn ne nʼAgya. Ɔno na wɔmfa animuonyam ne tumi mma no daa daa! Amen.

7 Ɔnam omununkum mu reba.

Wɔn a wɔwɔɔ no pea no

ne obiara bɛhunu no.

Asase so nnipa nyinaa bɛsu no.

Ɛbɛba mu saa. Amen.

8 Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, "Mene Alfa ne Omega1.8 Hela atwerɛdeɛ a ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtwa toɔ. Onyankopɔn yɛ ahyɛaseɛ ne awieeɛ (21.6). a ɔwɔ seesei na ɔwɔ dada na ɔrebɛba no."

9 Mene Yohane, a me ne mo nyinaa akyidifoɔ. Yɛhunu amane ɛfiri Yesu ne yɛn ɔhene, na ɔma yɛn ahoɔden ahohia mu. Esiane mekaa Onyankopɔn asɛm kaa nokorɛ a Yesu daa no adi enti, wɔtwaa me asuo de me kɔɔ Supɔ Patmo so. 10 Awurade da no,1.10 Yudafoɔ da a ɛdi nnawɔtwe no ɛkan no. Wɔfrɛɛ da no saa, ɛfiri sɛ, saa da no na Yesu sɔre firii awufoɔ mu. Saa ɛda no ara nso na Akristofoɔ hyiaeɛ (Hwɛ Aso 20.7) na wɔgyegyee toɔ (Hwɛ 1 Ko 16.2). Honhom no faa me na metee nne denden bi a ɛte totorobɛnto a ɛrebɔ mʼakyi. 11 Ɛkaa , "Twerɛ biribiara a wohunu, na fa nwoma no kɔma saa asafo ahodoɔ nson a ɛwɔ Efeso ne Smirna ne Pergamo ne Tiatira ne Sardi ne Filadelfia ne Laodikea no."

12 Medanee mʼani pɛɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson. 13 Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina. 14 Na ne tirinwi fitaa te asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre ogya. 15 Ne nan ase hyerɛnee ayowaa a wɔanane fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te nsuworosoɔ a ano den. 16 Na ɔkura nsoromma nson ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te owigyinaeɛ awia.

17 Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa , "Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ. 18 Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso seesei mete ase daa daa. Mekura owuo ne asaman safoa.

19 "Enti afei twerɛ nneɛma a wohunu; deɛ wohunu no seesei ne deɛ ɛbɛba akyire no, twerɛ. 20 Nsoromma nson a wohunu me nsa nifa mu ne sika nkaneadua no nkyerɛaseɛ a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma nson no asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna nkaneadua nson no nso asafo nson no."

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_12-11-46-