Publicidade

Salmos 90

Onyankopɔn onipa Mose mpaeɛbɔ.

1 Awurade, wo na woayɛ yɛn tenabea

awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

2 Ansa na wɔrebɛbɔ mmepɔ

anaasɛ worebɛda asase ne ewiase adi no,

na woyɛ Onyankopɔn firi mmerɛsanten kɔsi mmerɛsanten.

3 Woma adasamma sane dane mfuturo,

ka , "Ao adasamma, monsane nkɔ mfuturo mu."

4 Mfirinhyia apem wʼani so

da koro a abɛsene seesei,

anaasɛ anadwo mu dɔnhwereɛ kakraa bi.

5 Wopra nnipa , owuo nna mu;

wɔte ɛserɛ a afefɛ anɔpa,

6 ɛfefɛ frɔmfrɔm anɔpa deɛ,

nanso anwummerɛ ɛwo na ɛtwintwam.

7 Yɛresa wʼabofuo ano

na wʼanibereɛ abɔ yɛn hu.

8 Wode yɛn amumuyɛ asi wʼanim,

na yɛn kɔkoam bɔne da wʼanim hann no mu.

9 Yɛn nna nyinaa twam wʼabufuhyeɛ mu;

na yɛde awerɛhoɔdie na ɛwie yɛn mfeɛ.

10 Yɛn nkwa nna si mfeɛ aduɔson,

anaasɛ aduɔwɔtwe, yɛwɔ ahoɔden a;

na emu ahohoahoadeɛ ɔhaw ne awerɛhoɔ,

na ɛtwam ntɛm ntɛm, na yɛtu .

11 Hwan na ɔnim wʼabofuo mu tumi?

Wʼabofuhyeɛ kɛseɛ sɛdeɛ wo ho suro teɛ.

12 Ma yɛnhunu yɛn nna kan sɛdeɛ ɛteɛ,

na yɛanya nyansa akoma.

13 Sane bra, Ao Awurade, ɛbɛkɔ so akɔsi da bɛn?

Hunu wʼasomfoɔ mmɔbɔ.

14 Ma wʼadɔeɛ a ɛnsa da no mmee yɛn adekyeɛ mu,

na yɛde anigyeɛ ato dwom adi ahurisie yɛn nna nyinaa mu.

15 Ma yɛn ani nnye nna bebree nna dodoɔ a wode yɛn kɔɔ amanehunu mu no,

mfirinhyia dodoɔ a yɛhunuu ateeteeɛ no.

16 Ma wʼasomfoɔ nhunu wo nneyɛɛ

na wɔn mma nhunu wʼanimuonyam.

17 Ma Awurade yɛn Onyankopɔn adom no ntena yɛn so;

na yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie mma yɛn

aane, yɛn nsa ano adwuma nyɛ yie.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-