Publicidade

Hebreus 2

Kristo Kaa Owuo Hwɛeɛ Maa Yɛn Nyinaa

1 Yei enti na ɛsɛ yɛsɔ nokorɛ a yɛate no mu denden sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, biribi rentu yɛn aso. 2 Nsɛm a abɔfoɔ no kaeɛ no nokorɛ enti obiara a wanni so no nyaa asotwe a ɛfata no. 3 Na yɛantie saa nkwagyesɛm yi a, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi adwane? Awurade no ankasa na ɔdii ɛkan kaa saa nkwagyeɛ yi ho asɛm na wɔn a wɔtiee no no, ama yɛahunu ɛyɛ nokorɛ. 4 Saa ɛberɛ korɔ no ara mu Onyankopɔn nam ne nsɛnkyerɛnneɛ ne nʼanwanwadwuma so dii ho adanseɛ. Bio, ɔkyɛɛ Honhom Kronkron no sɛdeɛ ɔpɛ.

5 Onyankopɔn amma abɔfoɔ anni ewiase a na wayɛ nʼadwene ɔrebɛbɔ no so; saa ewiase a yɛka ho asɛm no. 6 Na mmom, wɔaka no Atwerɛsɛm no mu baabi :

"Onipa ne hwan a wokae no;

na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?

7 Wobɔɔ no maa ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ;

na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire,

8 ɔnni nneɛma nyinaa so."

Ɛka Onyankopɔn bɔɔ onipa "nneɛma nyinaa sodifoɔ." Yei kyerɛ biribiara nni a wɔamfa anhyɛ nʼase. Nanso, seesei yɛnya nhunuu onipa di nneɛma nyinaa so. 9 Na mmom, yɛhunu Yesu! Mmerɛ tiawa bi, wɔbrɛɛ no ase sene abɔfoɔ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Onyankopɔn adom enti, ɔbɛwu ama nnipa nyinaa. Owuo a ɔwuiɛ no enti, Onyankopɔn de animuonyam abotire abɔ no.

10 Onyankopɔn na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa, na ɔwɔ tumi ɔyɛ biribiara. Ne saa enti, ɛfiri ɛyɛ ne ɔde ne mma nyinaa bɛba nʼanimuonyam mu no, ɔmaa Agyenkwa no faa amanehunu mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ne mma no nsa bɛka nkwagyeɛ a ɛyɛ no. Ɛfiri , Yesu nko ara ne Onipa a ɔbɛtumi adi wɔn anim akɔ nkwagyeɛ mu. 11 Ɔma nnipa kronkron firi wɔn bɔne mu. Na ɔne wɔn a wayɛ wɔn kronkron no nyinaa Agya baako. Ɛno enti na Yesu mfɛre ɔfrɛ wɔn anuanom no. 12 Ɔka ,

"Mɛka wo ho asɛm akyerɛ me nuanom,

mɛkamfo wo wɔn a wɔahyia no nyinaa anim."

13 Ɔsane ka bio ,

"Mede me ho bɛto Onyankopɔn so."

Na ɔno nso ka ,

"Mma a Onyankopɔn de wɔn ama me no nie."

14 Esiane mma no honam ne mogya enti, Yesu nso baa onipa tebea mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ɔnam ne wuo no so bɛsɛe ɔbonsam a ɔkura owuo tumi no ahoɔden. 15 Na ɔnam so agye wɔn a ɛsiane wɔsuro owuo enti, wɔn asetena mu nyinaa, wɔayɛ nkoa no. 16 Ɛyɛ nokorɛ turodoo ɛnyɛ abɔfoɔ na ɔboa wɔn. Na mmom, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka no, "Ɔboa Abraham asefoɔ." 17 Yei kyerɛ , ɛkwan biara so no, ɛsɛ ɔyɛ ne nuanom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ɔbɛyɛ wɔn nokwafoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ Ɔsɔfopanin Onyankopɔn anim, na ɛnam so ma wɔde nnipa bɔne akyɛ wɔn. 18 Enti afei, ɔbɛtumi aboa wɔn a wɔasɔ wɔn ahwɛ ɛfiri , ɔno ankasa wɔsɔɔ no hwɛeɛ maa ɔhunuu amane.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-28_14-13-17-