Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 5

Bobe Turo Ho Dwom

1 Mɛto dwom ama me dɔfo

ɛdwom a ɛfa ne bobe turo ho:

Na me dɔfo bobe turo bi

asasebereɛ bi a ɛda bepɔ ani.

2 Ɔfuntum asase no yiyii mu aboɔ,

na ɔduaa bobe a ɛyɛ papa so.

Ɔsii ɔwɛn aban mfimfini

na ɔtuu nsakyimena nso.

Afei, ɔhwɛɛ anim ɔbɛtwa bobe aba pa,

nanso ɛsoo aba bɔne.

3 "Afei, mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,

mommu me ne me bobe turo ntam atɛn.

4 Ɛdeɛn bio na anka ɛsɛ meyɛ ma me bobe turo

boro deɛ mayɛ yi so?

Ɛberɛ a merehwɛ anim menya bobe a ɛyɛ no

adɛn enti na ɛsoo aba bɔne?

5 Afei, mɛka

deɛ merebɛyɛ me bobefuo no akyerɛ wo:

Mɛyi ɛho ban no afiri ,

na wɔbɛsɛe no;

mɛbubu ɛho fasuo,

na wɔbɛtiatia so.

6 Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan

a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,

ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bɛnyini so.

Mɛhyɛ omununkum

na wantɔ nsuo angu so."

7 Asafo Awurade bobe turo no

Israel fie,

na Yuda mmarima turo a nʼani gye ho.

Ɔpɛɛ atɛn tenenee nanso ɔhunuu mogyahwiegu;

ɔpɛɛ tenenee nanso ɔtee mmɔborɔ su.

Nnome Ne Atemmuo

8 Nnome nka mo a mode efie ka efie ho

na mogyegye mfuo bobɔ soɔ

kɔsi asase no bɛsa

na ɛka mo nko ara asase no so.

9 Asafo Awurade apae mu aka ama mate:

"Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan,

na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu.

10 Bobefuo kɛseɛ pa ara no

nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu.

Aba lita aduonu baako a wɔdua no

wɔbɛnya so lita aduonu mmienu ."

11 Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema

kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan,

wɔn a wɔsiri

kɔsi nsã bɛbo wɔn.

12 Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔn apontoɔ ase,

akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã,

nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ,

na wɔmmu ne nsa ano adwuma.

13 Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu,

ɛfiri , wɔnni nteaseɛ;

ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire

na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree.

14 Enti, damena akɔnnɔ kɛseɛ

na ɔbue nʼanom bayaa;

na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ

wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani.

15 Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase

na wama adasamma aboto.

Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

16 nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no,

na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi Ɔkronkronni.

17 Afei nnwan bɛkɔ adidi te deɛ wɔwɔ wɔn adidibea;

nnwammaa bɛdidi asikafoɔ amanfo so.

18 Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,

na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ.

19 Monnue, mo a moka , "Onyankopɔn nyɛ ntɛm,

ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm

sɛdeɛ yɛbɛhunu.

Ma ɛmmɛn,

Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra,

sɛdeɛ yɛbɛhunu."

20 Monnue, mo a mofrɛ bɔne papa

na papa nso bɔne,

mo a mode esum si hann anan mu

na hann si esum anan mu,

mo a mofrɛ nwononwono dɛɛdɛ

ne dɛɛdɛ nwononwono.

21 Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so

ne anitefoɔ mo ankasa ani so.

22 Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie nsanom mu

ne ahoɔdenfoɔ nsã afrafra mu.

23 Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi

na mo bu deɛ ɔdi bem no .

24 Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ

na ɛserɛ a awo yera ogyaframa mu no,

saa ara na mo nhini bɛporɔ,

na mo nhwiren nso atu akɔ mfuturo;

ɛfiri moapo Asafo Awurade mmara

na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.

25 Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so,

wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.

Mmepɔ no woso,

na afunu ayɛ mmɔntene so wira.

Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ,

na ne nsa da so soro.

26 Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman,

ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.

Wɔn na wɔreba no,

ɔherɛ so ne ntɛm so!

27 Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti,

obiara ntɔ nko na ɔnna;

abɔsoɔ biara mu rengo asene mu

na mpaboa ahoma biara nso rente.

28 Wɔn agyan ano nnam,

na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;

wɔn apɔnkɔ ntɔte te twerɛboɔ,

wɔn nteaseɛnam ntwahonan te twahoframa.

29 Wɔn mmobɔmu te gyata deɛ,

na wɔbobɔm gyata mma;

wɔpɔso kyere wɔn hanam

na wɔde no a ɔgyefoɔ biara nni .

30 Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so

sɛdeɛ ɛpo woro soɔ.

Na obi hwɛ asase no a,

ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia;

omununkum bɛma hann aduru sum.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também