Publicidade

Isaías 12

Ayɛyie Nnwom

1 Saa ɛda no, wobɛka sɛ:

"Mɛkamfo wo Ao Awurade!

Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ,

nanso afei wʼabofuo ano adwo.

Na woakyekyere me werɛ.

2 Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;

mede me ho bɛto ne so, na merensuro.

Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;

na wabɛyɛ me nkwagyeɛ."

3 Wode anigyeɛ bɛsa nsuo

afiri nkwagyeɛ nsubura mu.

4 Saa ɛda no wobɛka sɛ,

"Ɛda Awurade ase, bɔ ne din

Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ,

na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.

5 To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree.

Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.

6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so,

mo a mowɔ Sion,

ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko."

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_06-50-08-