Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 23

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Tiro Ho

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:

Ao, Tarsis ahyɛn, montwa adwo!

Ɛfiri wɔasɛe Tiro

na anka no afie anaa ɛhyɛngyinabea.

Wɔfiri Kipro asase so

abɛka akyerɛ wɔn.

2 Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no so

ne mo Sidon adwadifoɔ a

ɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ.

3 Nsuo akɛseɛ no so

na aduane firi Sihor nam baeɛ;

Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ,

na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea.

4 Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban,

ɛfiri ɛpo akasa ,

"Menkyemee da na menwoo da;

mentetee mmammarima anaa mmammaa da."

5 asɛm no duru Misraim a,

wɔn ho bɛdwiri wɔn nkra a ɛfiri Tiro no ho.

6 Montwa nkɔ Tarsis;

montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so.

7 Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no?

Yei ne teteete kuropɔn no a

watu akɔtena

akyirikyiri nsase soɔ no anaa?

8 Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro,

deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ,

deɛ nʼadwadifoɔ ahene mma,

na nʼadetɔnfoɔ agye din asase so?

9 Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ ,

ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase

na wabrɛ wɔn a wɔagye din asase yi so nyinaa ase.

10 wʼasase so adwuma te deɛ wɔyɛ Nil ho no

Ao Ɔbabaa Tarsis,

ɛfiri wonni hyɛngyinabea bio.

11 Awurade apagya ne nsa ɛpo no so

ama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ no repopo.

Wahyɛ Kanaan ho mmara ,

wɔnsɛe nʼaban.

12 Ɔkaa , "Wʼahurisidie no nso ha ara,

Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo!

"Sɔre, tware Kipro;

ɛhɔ mpo worennya ahotɔ."

13 Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no,

saa nnipa a seesei wɔnka hwee no!

Asiriafoɔ ayɛ no

beaeɛ a anweatam so mmoa teɛ;

wɔsisii wɔn ntua aban bebree,

wɔdwirii nʼaban guiɛ

ma ɛdanee mmubuiɛ.

14 Montwa adwo, Tarsis ahyɛn;

wɔasɛe wʼaban!

15 Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no:

16 "Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,

Ao odwamanfoɔ a wɔnnkae wo;

sankuten no yie, to nnwom bebree,

sɛdeɛ wɔbɛkae wo."

17 Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa. 18 Nanso, deɛ ɔbɛnya ne ne mfasoɔ nyinaa, wɔde bɛto ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfasoɔ no bɛkɔ wɔn a wɔsom Awurade anim, na wɔanya aduane bebree ne ntadeɛ pa.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também