Publicidade

Isaías 35

Wɔn A Wɔagye Wɔn No Ahosɛpɛ

1 Anweatam ne asase a awo no ani bɛgye;

ɛserɛ bɛdi ahurisie na ayɛ frɔmm.

Te sɛ nhwiren no, 2 ɛbɛpae ayɛ fɛɛfɛɛfɛ;

ɛbɛdi ahurisie na ɛde anigyeɛ ateam.

Wɔde Lebanon animuonyam bɛma anweatam no.

Ɛbɛyɛ sɛ Karmel ne Saron ahoɔfɛ;

wɔbɛhunu Awurade animuonyam,

yɛn Onyankopɔn tumi no.

3 Hyɛ nsa a emu ago no mu den,

hyɛ nkotodwe a ahodwo no mu den;

4 Ka kyerɛ wɔn a wɔn akoma atu no sɛ,

"Monhyɛ mo ho den, na monnsuro;

mo Onyankopɔn bɛba,

ɔde aweretɔ bɛba;

ananmuhyɛ a ɛfiri ɔsoro

bɛba abɛgye mo nkwa."

5 Ɛno na wɔbɛbue anifirafoɔ ani,

na wɔama asotifoɔ aso ate asɛm.

6 Ɛno na mpakye bɛhurihuri te sɛ ɔforoteɛ,

na emum tɛkrɛma de anigyeɛ ateam.

Nsuo bɛtue wɔ ɛserɛ so,

na nsuwansuwa apue wɔ anweatam so.

7 Anwea a ɛso yɛ hyeɛ no bɛdane ɔtadeɛ,

na nsuwansuwa atue wɔ asase wesee so.

Atu a anka sakraman te mu no,

ɛhɔ na ɛserɛ ne demmire ne paparɔs bɛfifirie.

8 Na ɔkwantempɔn bɛda hɔ;

wɔbɛfrɛ no Ahoteefoɔ Kwan.

Wɔn a wɔn ho nteɛ rentu ɛkwan wɔ so;

ɛbɛda hɔ ama wɔn a wɔnante saa Ɛkwan no so;

amumuyɛfoɔ nkwaseafoɔ rennante nante so.

9 Gyata biara rentena hɔ,

na nkekaboa biara rensi so;

wɔrenhunu wɔn wɔ hɔ.

Na wɔn a wɔagye wɔn nko ara na wɔbɛfa so,

10 na wɔn a Awurade agye wɔn no bɛsane aba.

Wɔde nnwontoɔ bɛhyɛne Sion;

anigyeɛ a ɛnsa da bɛyɛ wɔn ahenkyɛ.

Wɔbɛnya anigyeɛ ne ahosɛpɛ mmorosoɔ,

na awerɛhoɔ ne apinisie bɛdwane akɔ.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-16_18-40-07-