Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 62

Sion Edin Foforɔ

1 Sion enti, merenyɛ komm,

Yerusalem enti, merenyɛ dinn,

kɔsi ne tenenee bɛhyerɛn adekyeɛ,

na ne nkwagyeɛ adɛre ogyatɛn.

2 Amanaman no bɛhunu wo tenenee,

na ahemfo nyinaa ahunu wo animuonyam;

wɔbɛfrɛ wo din foforɔ

a Awurade de bɛto wo.

3 Wobɛyɛ animuonyam ahenkyɛ Awurade nsam,

ne adehyeɛ abɔtiten wo Onyankopɔn nsam.

4 Wɔremfrɛ wo atugya bio,

anaa wʼasase amanfo.

Na mmom wɔbɛfrɛ wo Hefsiba anaa anisɔ Kuropɔn

ne wʼasase Beula anaa ɔwarefoɔ

ɛfiri Awurade ani bɛgye wo ho,

na ɔbɛware wʼasase.

5 Sɛdeɛ aberanteɛ ware ababaawa no,

saa ara na wo mmammarima bɛware wo;

sɛdeɛ ayeforɔkunu ani gye nʼayeforɔ ho no,

saa ara na wo Onyankopɔn ani bɛgye wo ho.

6 Mede awɛmfoɔ agyinagyina wʼafasuo so Ao, Yerusalem;

wɔremmua wɔn ano awia anaa anadwo.

Mo a musu frɛ Awurade no,

monnhome koraa,

7 na mommma ɔnnye nʼahome kɔsi ɔbɛma Yerusalem atim

na wayɛ no deɛ asase nyinaa bɛkamfo.

8 Awurade de ne basa nifa aka ntam,

ne basa a ɛyɛ den no ,

"Meremfa mo ayuo

mma mo atamfoɔ wɔn aduane bio,

na ananafoɔ rennom nsã foforɔ

a moabrɛ ho no bio;

9 wɔn a wɔtwa no na wɔbɛdi

na wɔakamfo Awurade,

na wɔn a wɔboaboa bobe ano no bɛnom

me kronkronbea adihɔ."

10 Momfa mu, momfa kuropɔn apono no mu!

Monsiesie kwan no mma nkurɔfoɔ no.

Mompae, mompae kwantempɔn no!

Monyiyi so aboɔ no.

Monsi frankaa mma amanaman no.

11 Awurade abɔ no dawuro

akɔsi nsase ano ,

"Monka nkyerɛ Ɔbabaa Sion ,

Hwɛ, wo Agyenkwa reba!

Hwɛ nʼakatua ka ne ho,

na nʼanamuhyɛdeɛ nso ka ne ho.’ "

12 Wɔbɛfrɛ wɔn Nnipa Kronkron,

wɔn a Awurade Agye Wɔn;

na wɔbɛfrɛ wo Deɛ Wɔrehwehwɛ Nʼakyiri Ɛkwan,

Kuropɔn a Ɛrenyɛ Afo Bio.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também