Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 10

1 Wɔnnue, wɔn a wɔhyɛ mmara a ɛmmfa ɛkwan mu,

wɔn a wɔhyɛ mmaraden a ɛde nhyɛsoɔ ba,

2 de tena ahiafoɔ ahofadie so,

de atɛntenenee me nkurɔfoɔ a wɔhyɛ wɔn so no atirimuɔden.

Wɔma akunafoɔ amanehunufoɔ

na wɔbɔ nwisiaa korɔno.

3 Ɛdeɛn na mobɛyɛ akontabuo da no,

ɛberɛ a amanehunu firi akyirikyiri reba?

Hwan nkyɛn na mobɛdwane akɔpɛ mmoa?

Ɛhefa na mobɛgya mo ahodeɛ?

4 Ɛnka mo hwee mobɛfra nneduafoɔ mu

anaa mobɛtotɔ atɔfoɔ mu.

Nanso yeinom nyinaa akyi no, ne bo nnwooɛ,

na wama ne nsa so ayɛ krado.

Asiria Atemmuo A Ɛfiri Onyankopɔn

5 "Nnome nka Asiriani no, mʼabufuo abaa,

deɛ ɔkura mʼabufuhyeɛ poma no!

6 Meresoma no akɔ ɔman a wɔnnim Onyankopɔn so.

Meregya no kwan ma wakɔ nnipa a wɔhyɛ me abufuo so

wɔnkɔgye korɔnodeɛ abrane so na wɔnhwim afɔdeɛ,

na wɔntiatia wɔn so dɔteɛ mmɔntene so.

7 Nanso ɛnyɛ yei ne deɛ ɔpɛ ɔyɛ

ɛnyɛ yei ne deɛ ɛwɔ nʼadwene mu.

Ne botaeɛ ne ɔbɛsɛe,

ɔde aman bebree bɛba wɔn awieeɛ.

8 Na ɔbisa , Ahemfo nyinaa nnyɛ mʼasahene anaa?

9 Kalno nyɛɛ Karkemis anaa?

Hamat nte Arpad

na Samaria nte Damasko anaa?

10 Ampa ara, megyee ahoni ahennie ahodoɔ abrane soɔ,

ahennie a wɔn nsɛsodeɛ sene deɛ ɛwɔ Yerusalem ne Samaria no.

11 Merentumi ne Yerusalem ne ne nsɛsodeɛ nni anaa,

sɛdeɛ mene Samaria ne nʼahoni diiɛ no?’ "

12 Awurade wie nʼadwuma a ɛtia Bepɔ Sion ne Yerusalem nyinaa a, ɔbɛka , "Mɛtwe Asiriahene aso nʼakoma pirim ne nʼani a ɛnsɔ adeɛ no ho. 13 Ɛfiri ɔka ,

" Mede mʼahoɔden na ayɛ yei,

na ɛfiri me nyansa mu, ɛfiri mewɔ nimdeɛ.

Mesɛee amanaman ahyeɛ.

Mefoo wɔn ademudeɛ;

mebrɛɛ wɔn ahemfo ase te ɔbrane.

14 Sɛdeɛ obi tene ne nsa hyɛ pirebuo mu no,

saa ara nso na mɛtene me nsa amanaman no ahonyadeɛ so;

sɛdeɛ wɔtase nkosua a wɔagya no

saa ara na mɛboaboaa amanaman no nyinaa ano;

obiara ammɔ ne ntaban mu,

na wammue nʼano ansu.’ "

15 Akuma ma ne ho so tra deɛ ɔtoɔ?

Anaasɛ ɛwan hoahoa ne ho kyɛn deɛ ɔde no adwuma anaa?

Ayɛ te deɛ abaa tumi danedane deɛ ɔmaa no so,

anaa aporibaa ankasa tumi nante!

16 Afei Awurade, Asafo Awurade

de ɔyaredɔm bɛbɔ nʼakofoɔ ahoɔdenfoɔ no;

na ne kɛseyɛ mu no, ɔbɛma ogya adɛre

ahye wɔn animuonyam.

17 Israel Hann no bɛdane ogya.

Wɔn Kronkronni no bɛdane ogya dɛreɛ;

ɔde dakoro bɛhye na wasɛe

ne nkasɛɛ ne nnɛnkyɛnse.

18 Asiria kwaeɛ ne nʼasase bereɛ animuonyam no,

ɛbɛsɛe pasapasa

te ɔyarefoɔ a ne so reteɛ.

19 Nnua a ɛbɛka ne kwaeɛ mu bɛyɛ kakra bi

a abɔfra bɛtumi akyerɛ ne dodoɔ.

Israel Nkaeɛfoɔ

20 Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ,

Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no

remfa wɔn ho nto no so bio.

Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no

mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm.

21 Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no

bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.

22 Ao Israel, ɛwom wo nkurɔfoɔ dɔɔso mpoano anwea deɛ,

nanso nkaeɛfoɔ bi na wɔbɛsane aba.

Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara denden

a ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no .

23 Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ

a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.

24 Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,

"Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sion

monnsuro Asiriafoɔ no,

wɔn a wɔde mmaa hwe mo

na wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no.

25 Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo

na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so."

26 Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,

sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam Oreb Ɔbotan ho no;

na ɔbɛtene ne poma nsuo no so,

sɛdeɛ ɔyɛɛ Misraim no.

27 Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so;

wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu;

wɔbubu kɔnnua no

na afiri mo so.

28 Wɔhyɛne Ayat;

wɔfa Migron;

na wɔkora wɔn nneɛma Mikmas.

29 Wɔtwam kwantempɔn no so, na wɔka ,

"yɛbɛda Geba anadwo yi."

Rama ho popo;

Saulo kuro Gibea nso dwane.

30 Teaam Ɔbabaa Galim!

Tie, Ao Laisa!

Anatot Mmɔborɔni!

31 Madmena redwane;

Gebimfoɔ kɔtetɛ.

32 Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina Nob;

wɔbɛwoso wɔn nsa

Ɔbabaa Sion bepɔ no so

Yerusalem kokoɔ no so.

33 Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no,

ɔde tumi kɛseɛ bɛtwitwa dua mman no.

Wɔbɛbubu nnua atentene no agu fam;

deɛ ɛwoware no bɛba fam.

34 Ɔde akuma bɛtwitwa kwaeɛm dɔtɔ agu fam.

Lebanon bɛhwe ase Ɔkɛseɛ no anim.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também