Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 47

Babilonia Asehweɛ

1 "Siane , tena mfuturo mu,

Ɔbabaa bunu Babilonia;

tena fam. Worentena ahennwa so bio,

Ɔbabaa Babiloniafoɔ.

Wɔremfrɛ wo bio ,

ɔbaabereɛ a wɔkorɔkorɔ no bio.

2 Fa owiyammoɔ na yam esiam;

yi wo nkatanimu no.

Pagya wʼatadeɛ soro, na wo nan ho ngu ,

na fa nsuwansuwa no mu.

3 Wʼadagya bɛda adi

na wʼanimguaseɛ so renkata.

Mɛtɔ were;

memfa obiara ho nkyɛ no."

4 Yɛn Gyefoɔ, Asafo Awurade ne ne din,

ɔno ne Israel Kronkronni.

5 "Tena ase dinn, kɔhyɛ esum mu,

Ɔbabaa Babilonia;

wɔremfrɛ wo bio

ahennie ahodoɔ so hemaa.

6 Me bo fuu me nkurɔfoɔ,

na meguu mʼagyapadeɛ ho fi;

mede wɔn hyɛɛ wo nsa,

na woanhunu wɔn mmɔbɔ.

Nkɔkoraa koraa mpo

wosoaa wɔn kɔnnua duruduru.

7 Wokaa , Mɛkɔ so daa,

ayɛ ɔhemmaa afebɔɔ.

Nanso woannwene saa nneɛma yi ho

na woansusu deɛ ɛbɛtumi asie ho.

8 "Afei tie, wo odwamanfoɔ,

woredwodwo wo ho wo banbɔ mu

na woka kyerɛ wo ho ,

me ne no, na obiara nni me.

Merenyɛ okunafoɔ da

na merenni abawuo.

9 Saa nneɛma mmienu yi bɛto wo

prɛko , dakoro :

abawuo ne kunayɛ.

Saa nneɛma yi bɛba wo so pa ara,

wʼabayisɛm bebrebe yi

ne ntafowayie a emu den nyinaa akyi.

10 Wode wo ho ato wʼamumuyɛ so

na waka , Obiara nhunu me.

Wo nyansa ne nimdeɛ ma wo fom kwan

ɛberɛ a woka kyerɛ wo ho ,

Me ne no, obiara nni ka me ho.

11 Amanehunu bɛto wo,

na worenhunu ɛkwan ko a wobɛfa so ayi afiri .

Ɔhaw bi bɛba wo so

a worentumi mfa mpatadeɛ nyi mfiri ;

atoyerɛnkyɛm a ɛnnaa ne ho adi nkyerɛɛ wo

bɛba wo so mpofirim.

12 "so wo ntafowayie

ne wʼabayisɛm bebrebe

a wode adi dwuma firi wo mmɔfraase no.

Ebia wobɛdi nkonim,

ebia wode ehu bɛba.

13 Woabrɛ afotufoɔ bebrebe a woanya no mu!

Ma wo nsoromma ho anyansafoɔ mmra anim,

wɔn a wɔhwɛ nsoromma mu no ka deɛ ɛreba bosome biara mu no,

ma wɔnnnye wo mfiri deɛ ɛreba wo so no mu.

14 Nokorɛm, wɔte nnyentia;

ogya bɛhye wɔn.

Na wɔntumi nnye wɔn ankasa ho

mfiri egyadɛreɛ ano den no ho.

Ogyasramma biara nni ha a ɛbɛka wo hye;

ogya biara nni ha a wɔbɛtena ho ato.

15 Deɛ wɔbɛtumi ayɛ ama wo ara ne no,

yeinom na wo ne wɔn abrɛ

na wo ne wɔn anante firi mmɔfraase.

Wɔn mu biara afa ne kwan;

ɔbaako mpo nni a ɔbɛtumi agye woɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também