Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 14

1 Awurade bɛhunu Yakob mmɔbɔ;

ɔbɛsane afa Israel

na ɔbɛbɔ wɔn atenaseɛ wɔn ankasa asase so.

Ananafoɔ bɛba abɛka wɔn ho

na wɔne Yakob efie aka abɔ mu.

2 Amanaman bɛfa wɔn

de wɔn aba wɔn ankasa atenaeɛ.

Na Israel efie bɛfa amanaman no ayɛ wɔn dea

nkoa ne mfenaa Awurade asase so.

Wɔbɛyɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn nnommumfoɔ no nnommum

na wɔbɛdi wɔn sohwɛfoɔ so.

3 Na da a Awurade bɛma mo ahome afiri amanehunu, ahoyera ne nkoasom denden mu no, 4 mobɛdi Babiloniahene ho :

hwɛ sɛdeɛ ɔhyɛsofoɔ no aba nʼawieeɛ!

Ne sɛdeɛ nʼabufuo nso to atwa!

5 Awurade abubu otirimuɔdenfoɔ no abaa mu,

sodifoɔ ahempoma no,

6 deɛ abufuo mu no ɔde bobɔɔ wɔn

toatoaa so hwehwee fam,

na abufuhyeɛ mu ɔtintim wɔn so a ahomegyeɛ nni mu

de brɛɛ amanaman no ase.

7 Nsase no nyinaa rehome asomdwoeɛ mu;

na wɔto dwom.

8 Mpo, pepeaa nnua ne Lebanon ntweneduro

nya ho anigyeɛ na wɔka ,

"Afei a wɔabrɛ wo ase yi,

duatwafoɔ biara remmetwa yɛn."

9 Damena a ɛwɔ aseɛ no rekeka ne ho

abɛhyia wo kwan;

ɛkanyane wɔn a wɔafiri mu no honhom

wɔmmɛma wo akwaaba,

wɔn a na wɔyɛ akannifoɔ ewiase,

ɛma wɔsɔre firi wɔn nhennwa so,

wɔn a na wɔyɛ ahemfo amanaman so.

10 Wɔn nyinaa bɛgye so,

wɔbɛka akyerɛ wo ,

"Wo nso woayɛ mmrɛ yɛn;

woayɛ yɛn ara."

11 Wo kɛseyɛ nyinaa wɔde aba damena mu,

ne hooyɛ a ɛfiri wo nsankuo no;

wɔde nsammaa asɛ kɛtɛ ama wo

na asonsono akata wo so.

12 Sɛdeɛ wofiri soro abɛhwe fam,

Ao, anɔpa nsoromma, adekyeeɛ babarima!

Wɔato wo abɛhwe asase so,

wo a na kane no wobrɛ amanaman ase!

13 Wokaa no wʼakoma mu ,

"Mɛforo akɔ soro;

mɛma mʼahennwa so

asi Onyankopɔn nsoromma atifi;

mɛtena ase adi ɔhene ahyiaeɛ bepɔ so,

deɛ ɛkrɔn paa bepɔ kronkron no so.

14 Mɛforo atra omununkum atifi;

mɛyɛ me ho Ɔsorosoroni no."

15 Nanso wɔde wo abɛto damena mu,

amena donkudonku ase tɔnn.

16 Wɔn a wɔhunu wo no hwɛ wo haa,

wɔdwene deɛ ato woɔ no ho bisa ,

"Ɛnyɛ ɔbarima a ɔwosoo asase

na ɔmaa ahennie ho popooeɛ,

17 ɔbarima a ɔmaa ewiase danee anweatam,

deɛ ɔdanee ne nkuropɔn butuiɛ

na wamma ne nneduafoɔ ankɔ wɔn nkyi no nie?"

18 Amanaman ahemfo no nyinaa, wɔadeda obiara

ne da mu.

19 Nanso wɔapam wo afiri wo da mu

te duban a wɔapoɔ;

wɔde wɔn a atotɔ akata wo so,

wɔn a wɔtɔɔ akofena ano,

wɔn a wɔsiane aboɔ amena mu,

te efunu a wɔatiatia soɔ.

20 Wɔrensie wo nka wɔn ho,

ɛfiri , woasɛe wʼasase

na wakunkum wo nkurɔfoɔ.

Otirimuɔdenfoɔ asefoɔ no

wɔrenkae wɔn bio. Wo babarima renni wʼadeɛ ɔhene.

21 Siesie baabi a wɔbɛkunkum ne mmammarima

wɔn agyanom bɔne nti;

ɛnsɛ wɔsɔre di asase no so

na wɔde wɔn nkuropɔn pete so.

22 "Mɛsɔre atia wɔn,"

Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

"Mɛtwa ne din ne ne nkaeɛfoɔ,

ne mma ne mmanananom afiri Babilonia ho,"

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

23 "Mɛdane no ayɛ beaeɛ a apatuo

ne ɔwora;

mede ɔsɛeɛ praeɛ bɛpra no,"

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Asiria

24 Asafo Awurade aka ntam ,

"Nokorɛm, sɛdeɛ mahyehyɛ no, saa ara na ɛbɛyɛ,

na sɛdeɛ madwene ho no, ɛrensesa.

25 Mɛsɛe Asiria pasaa mʼasase so;

mɛtiatia ne so me mmepɔ so.

Ɔbɛyi ne kɔnnua afiri me nkurɔfoɔ so,

na nʼadesoa nso afiri wɔn so."

26 Yei ne nhyehyɛeɛ a wɔayɛ ama ewiase nyinaa;

yei ne nsa a wɔatene aman nyinaa so.

27 Na Asafo Awurade ayɛ nʼadwene a hwan na ɔbɛsi no kwan?

Na watene ne nsa, hwan na ɔbɛsianka no?

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Filistifoɔ

28 Saa adehunu yi baa afe a ɔhene Ahas wuiɛ no:

29 Monnni ahurisie, mo Filistifoɔ,

abaa a ɛbɔɔ mo no mu abubu;

saa ɔwɔ no ase na ɔnanka bɛfiri aba,

na nʼaba bɛyɛ ɔtweaseɛ a ne ho herɛ na nʼano borɔ.

30 Ahiafoɔ mu hiani bɛnya adidibea,

na mmɔborɔni bɛda asomdwoeɛ mu.

Nanso wʼasefoɔ deɛ, mede ɛkɔm bɛtɔre wɔn ase;

ɛbɛkunkum wo nkaeɛfoɔ.

31 Twa adwo, Ao kuro ɛpono! Su teaam Ao kuropɔn!

Monnwane, mo Filistifoɔ!

Wisie kumɔnn bi firi atifi fam reba,

na obiara ntwentwɛn ne nan ase wɔn mu.

32 Mmuaeɛ bɛn na wɔde bɛma

saa ɔman no ananmusifoɔ?

"Awurade de Sion atim .

Ne mu na nʼamanehunufoɔ bɛnya dwanekɔbea."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também