Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 21

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia

1 Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho:

Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no no,

saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba.

Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.

2 Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me:

Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ.

Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim!

Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.

3 Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu,

ɔyea aka me, te ɔbaa a awoɔ aka no;

deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so,

deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.

4 Mʼakoma paripari,

ehu ma me ho popo;

na ɛhan a mepɛɛ mehunu no

abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.

5 Wɔto ɛpono,

wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,

wɔdidi, na wɔnom!

Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,

momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!

6 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:

"Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina

na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.

7 ɔhunu nteaseɛnam

ne apɔnkɔ akuakuo,

wɔn a wɔtete mfunumu so

ne wɔn a wɔtete nyoma so a,

ɔnwɛn nʼaso

wɛn pa ara."

8 Na ɔwɛmfoɔ no teaam ,

"Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so

anadwo biara, megyina .

9 Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi

ɔne apɔnkɔ dɔm.

Na ɔwɛmfoɔ no kaa ,

Babilonia ahwe ase, wahwe ase!

Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa

abubu agu fam!’ "

10 Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo ayuporeeɛ ase

meka deɛ mateɛ kyerɛ mo,

deɛ ɛfiri Asafo Awurade,

deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn .

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

11 Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:

Obi frɛ me firi Seir,

"Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?

Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?"

12 Ɔwɛmfoɔ no bua ,

"Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.

wobɛbisa bio a

sane bra bɛbisa."

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Arabia

13 Adehunu a ɛfa Arabia ho:

Mo Dedan akwantufoɔ a

mosoɛ Arabia adɔtɔ ase,

14 Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;

mo a motete Tema,

mommrɛ adwanefoɔ aduane.

15 Wɔdwane firi akofena a watwe

tadua a wɔakuntun mu

ne ɔko a ɛgyina mu ano.

16 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, "Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa. 17 Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi." Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também