Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 22

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Yerusalem Ho

1 Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho:

Ɛdeɛn na ɛha mo seesei,

a mo nyinaa aforo adan atifi yi,

2 Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma,

Ao hooyɛ ne ahosɛpɛ kuropɔn?

Ɛnyɛ akofena ano na wʼatɔfoɔ hweree wɔn nkwa,

na wɔanwuwu ɔko ano nso?

3 Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane;

wɔamfa tadua ankyekyere wɔn.

Mo a wɔkyere mo nyinaa wɔfaa mo nneduafoɔ;

mo a modwanee ɛberɛ a na atamfoɔ no akyirikyiri.

4 Enti mekaa , "Momfiri me so

na mentwa adwo.

Monnkyekye me werɛ

me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho."

5 Awurade, Asafo Awurade da bi

ma hooyɛ, ntiatiasoɔ ne ehu

Anisoadehunu Bɔnhwa no mu;

ɛda a wɔde bubu afasuo

na wɔde su kyerɛ mmepɔ.

6 Elam fa bɛmma no

ka ne nteaseɛnamkafoɔ ne apɔnkɔ ho;

Kir pagya kyɛm no.

7 Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma,

na wɔde apɔnkɔsotefoɔ agyinagyina kuropɔn apono no ano.

8 Wɔayi Yuda ho banbɔ no.

Na da no wode wʼani too

akodeɛ a ɛwɔ Kwaeɛ mu Ahemfie no so;

9 wohunuu Dawid Kuropɔn no

akwan bebree deda ne banbɔ mu.

Woboaa nsuo ano

Aseɛ Abura mu.

10 Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no

na wodwirii afie de boaa ɔfasuo no ahoɔden.

11 Woyɛɛ nsukoraeɛ afasuo mmienu no ntam

maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu,

nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ,

na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no.

12 Awurade, Asafo Awurade,

frɛɛ wo saa da no

su na twa adwo,

ɔkaa yi wo tirinwi na fira ayitoma.

13 Nanso hwɛ, woka anigyeɛ ne ahosɛpɛ ;

wokunkum anantwie ne nnwan;

wowe ɛnam na woboro nsã!

Woka , "Momma yɛnnidi na yɛnnom,

ɛfiri , ɔkyena yɛbɛwu!"

14 Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire , "Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da," sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie.

15 Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,

", kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi,

Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so ,

16 Ɛdeɛn na woreyɛ ha na hwan na ɔmaa wo kwan

wo damena ha,

worebɔ wo damena baabi a ɛkorɔn

na woretwa wo homebea ɔbotan mu?

17 "Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den

ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ.

18 Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa,

na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so.

Ɛhɔ na wobɛwu

na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka ,

wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie!

19 Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu

na wɔayi wo afiri wo dibea so.

20 "Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. 21 Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie. 22 Mede Dawid efie safoa bɛma no; deɛ ɔbɛbue no, obiara rentumi nto mu; na deɛ ɔbɛto mu nso, obiara rentumi mmue. 23 Mɛbɔ ne so pɛɛwa ama watim. Ɔbɛyɛ animuonyam adwa ama nʼagya efie. 24 Nʼabusua animuonyam nyinaa bɛgyina ne so: nʼasefoɔ ne mma nana, ne nkuku ne nkaka, firi nwowaa so kɔsi nhina nyinaa so.

25 "Saa ɛda no," sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, "pɛɛwa a wɔabɔ so ama atim no bɛtu ahwe fam na adesoa a ɛsɛn so no nso asɛe, Awurade akasa!"

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também