Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 39

Asomafoɔ A Wɔfiri Babilonia

1 Saa ɛberɛ no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri na wate wayare ama ne ho atɔ no. 2 Hesekia gyee asomafoɔ no fɛw so, na afei ɔde deɛ ɔwɔ nʼakoradan mu kyerɛɛ wɔn: dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam, ngohwam, nʼakodeɛ akoraeɛ ne biribiara a ɛka nʼademudeɛ ho. Biribiara nni nʼahemfie ne nʼahennie mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3 Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no , "Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?"

Hesekia buaa , "Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn."

4 Odiyifoɔ no bisaa , "Ɛdeɛn na wɔhunuu wʼahemfie ?"

Hesekia buaa , "Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn."

5 Afei, Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia , "Tie asɛm a ɛfiri Asafo Awurade nkyɛn: 6 Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ. 7 Na afei wʼasefoɔ mu bi, wʼankasa wo mogya a wɔbɛwo wɔn ama wo no, wɔbɛsoa wɔn akɔ na wɔakɔyɛ apiafoɔ Babiloniahene ahemfie."

8 Hesekia dwenee ne ɔman no bɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ ne mmerɛ so, enti ɔbuaa , "Awurade asɛm a woabɛka yi asɛm papa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também