Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 19

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Misraim Ho

1 Nkɔmhyɛ a ɛtia Misraim:

Monhwɛ! Awurade nam ahoɔherɛ omununkum mu

na ɔreba Misraim.

Misraim ahoni ho popo nʼanim,

na Misraimfoɔ akoma boto wɔn mu.

2 "Mɛma Misraimfoɔ atwa wɔn ho ako,

onua bɛko atia onua,

ɔyɔnko atia ɔyɔnko,

kuropɔn atia kuropɔn,

ahennie atia ahennie.

3 Misraimfoɔ no renya abodwo,

na mɛma wɔn nhyehyɛeɛ ayɛ ɔkwa.

Wɔbɛkɔ abisa ahoni, ne awufoɔ ahonhom,

asamanfrɛfoɔ ne nkonyaayifoɔ nkyɛn.

4 Mede Misraim bɛhyɛ

owura tirimuɔdenfoɔ bi tumi ase,

na ɔhene a ɔyɛ keka bɛdi wɔn so,"

sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

5 Nsubɔntene mu nsuo bɛwe,

na nkonkɔn bɛwo ayɛ wesee.

6 Nsuka bɛyi hwa;

na nsuwa a ɛwɔ Misraim bɛtwe na awe.

Demmire ne ɛserɛ bɛdwan,

7 Nil nsunoa nnua nso,

deɛ ɛwɔ asubɔnten no abɔeɛ no.

Nil nsunoa so mfuo nyinaa

bɛwo wesee na awu koraa.

8 Afarefoɔ nyinaa bɛsi apinie atwa adwo,

wɔn a wɔto darewa Nil mu nyinaa;

wɔn a wɔgu asau nsuo no so

bɛdi awerɛhoɔ.

9 Wɔn a wɔde asaawa adwuma aba mu bɛbu,

wɔn a wɔnwono nnwera no anidasoɔ bɛsa.

10 Wɔn a wɔyɛ ntoma ho adwuma bɛyɛ mmɔbɔ

na wɔn a wɔgye akatua nyinaa akoma bɛboto.

11 Soan adwumayɛfoɔ nka hwee nkwaseafoɔ;

Farao agyinatufoɔ anyansafoɔ ma afutu bɔne.

Ɛbɛyɛ dɛn na woaka akyerɛ Farao ,

"Meyɛ anyansafoɔ no mu baako,

tete ahemfo no kyidifoɔ?"

12 Wʼanyansafoɔ no he afei?

Ma wɔnkyerɛ wo na ma wɔnhunu

deɛ Asafo Awurade

ahyehyɛ atia Misraim.

13 Soan adwumayɛfoɔ abɛyɛ nkwaseafoɔ,

wɔadaadaa Memfis19.13 Na Memfis yɛ Misraim kuropɔn. akwankyerɛfoɔ

ne nnipa no ntuanofoɔ

ama Misraim afom ɛkwan.

14 Awurade ahwie

anisobirie honhom agu wɔn mu;

wɔma Misraim ntintan biribiara a ɔyɛ mu,

te deɛ ɔsabofoɔ de ne feɛ fɔre ne ho.

15 Biribiara nni a Misraim bɛtumi ayɛ;

obiara rentumi nyɛ hwee, ɔyɛ etire anaa ɛtoɔ, anaa ɔyɛ berɛ anaa demmire.

16 Saa ɛda no, Misraimfoɔ bɛyɛ mmaa, Asafo Awurade nsa a wama so atia wɔn no bɛma wɔn abɔ hu na wɔn ho apopo. 17 Na Yuda asase no bɛma Misraimfoɔ abɔ hu. Obiara a ɔbɛte Yuda din no bɛsuro, ɛsiane deɛ Asafo Awurade rehyehyɛ atia wɔn enti.

18 Saa ɛda no, Misraim nkuropɔn enum bɛka Kanaan kasa na wɔaka Asafo Awurade ntam. Wɔbɛfrɛ wɔn mu baako Ɔsɛeɛ Kuropɔn.

19 Saa ɛda no, wɔbɛsi afɔrebukyia Misraim mfimfini ama Awurade, na wɔasi nkaeɛdum ne hyeɛ so nso ama Awurade. 20 Ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ne adansedeɛ ama Asafo Awurade Misraim asase so. wɔn nhyɛsofoɔ enti wɔsu frɛ Awurade a, ɔbɛsoma ɔgyefoɔ ne banbɔni bi, na ɔbɛgye wɔn. 21 Enti Awurade bɛda ne ho adi akyerɛ Misraimfoɔ, na saa da no wɔbɛhunu Awurade. Wɔde afɔrebɔ ne nnuane bɛsom, wɔbɛhyɛ Awurade , na wɔadi so. 22 Awurade de ɔyaredɔm bɛbɔ Misraim; ɔde bɛbɔ wɔn na wasa wɔn yadeɛ. Wɔbɛdane akɔ Awurade nkyɛn, na ɔbɛtie wɔn sufrɛ, na wasa wɔn yadeɛ.

23 Saa ɛda no, ɛkwantempɔn bɛfiri Misraim ne Asiria. Asiriafoɔ bɛkɔ Misraim na Misraimfoɔ akɔ Asiria. Misraimfoɔ ne Asiriafoɔ bɛbɔ mu asom. 24 Saa ɛda no Israel bɛtɔ Misraim ne Asiria so mmiɛnsa, ayɛ nhyira asase so. 25 Na Asafo Awurade bɛhyira wɔn aka , "Nhyira nka Misraim, me nkurɔfoɔ. Nhyira nka Asiria me nsa ano adwuma. Nhyira nka Israel mʼagyapadeɛ."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também