Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 56

Afoforɔ Nkwagyeɛ

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ:

"Monkɔ so mmu atɛntenenee

na monyɛ deɛ ɛyɛ,

ɛfiri me nkwagyeɛ abɛn

na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.

2 Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom,

onipa a ɔkura mu denden:

deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron,

na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho."

3 Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka ,

"Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu."

Na opiani biara nso nwiinwii ,

"Meyɛ duawuiɛ."

4 Sei na Awurade seɛ,

"Apiafoɔ a wɔkae me home nna,

wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani

na wɔkura mʼapam mu denden,

5 mɛma wɔn, mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu,

nkaedeɛ ne edin a

ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa;

mɛma wɔn edin a ɛbɛtena afebɔɔ,

edin a ɛrentwam.

6 Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade

wɔbɛsom no,

wɔbɛdɔ Awurade din,

na wɔasɔre no,

wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa,

na wɔkura mʼapam mu denden;

7 yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so

na mama wɔn anigyeɛ me mpaeɛbɔ efie.

Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no,

mɛgye mʼafɔrebukyia so;

na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a

aman nyinaa mpaeɛ."

8 Otumfoɔ Awurade,

deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka :

"Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho

aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho."

Onyankopɔn Soboɔ A Ɛtia Amumuyɛfoɔ

9 Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa,

mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!

10 Israel awɛmfoɔ anifirafoɔ,

wɔn mu biara nni nimdeɛ;

wɔn nyinaa nkraman mum,

wɔntumi mmobɔ mu;

wɔdeda na wɔsoso daeɛ,

nna wɔn .

11 Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie;

wɔnnidi mmee da.

Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ;

wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan,

obiara nʼankasa mfasoɔ.

12 "Mommra," obiara team , "momma me nsã!

Momma yɛnnom nsaden mmoro!

Na ɔkyena bɛyɛ ɛnnɛ,

ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também