Publicidade

Isaías 46

Babilonia Anyame

1 Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu;

mfunumu soa wɔn ahoni.

Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru,

ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ.

2 Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase;

wɔntumi nsi amanehunu ano,

wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

3 "Montie me, Ao Yakob fiefoɔ,

mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa,

mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu,

na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo.

4 Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu,

Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu.

Mabɔ mo na mɛturu mo;

mɛwowa mo na mɛgye mo.

5 "Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso?

Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho?

6 Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu

na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so;

wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi,

na wɔkoto sɔre no.

7 Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so,

wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara.

Ɛrentumi mfiri faako a esie.

Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua;

ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu.

8 "Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim,

monnwene ho mo atuatefoɔ.

9 Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no;

Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ;

Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

10 Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ,

ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ.

Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina,

na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

11 Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam;

afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma.

Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu;

deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.

12 Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ,

mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware;

13 Mede me tenenee repinkyɛ,

ɛnni akyirikyiri;

na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre.

Mɛma Sion nkwagyeɛ,

na mede mʼanimuonyam ama Israel.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-15_21-32-39-