Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 15

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab

1 Adehunu a ɛfa Moab ho:

Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab

anadwo koro !

Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab

anadwo koro !15.1 Ar ne Kir yɛ Moabfoɔ nkuro atitire mmienu.

2 Dibon foro nʼasɔredan mu,

ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea su;

Moab twa adwo Nebo ne Medeba ho.

Wɔayi eti biara so nwi

na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa.

3 Wɔfirafira ayitoma mmɔntene so;

adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ

wɔn nyinaa retwa adwo,

wɔdeda fam na wɔsu.

4 Hesbon ne Eleale teaam su,

wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa.

Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su,

na wɔabotoboto.

5 Medi Moab ho awerɛhoɔ mʼakoma mu;

nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar,

ne Eglat Selisiya.

Wɔforo Luhit,

wɔrekɔ nyinaa na wɔresu;

Horonaim ɛkwan so nso

wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.

6 Nimrim nsuwansuwa awewe

na ɛserɛ no ahye

afifideɛ nyinaa ayera

na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.

7 Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu no

wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.

8 Wɔn nkekamu gyegye Moab ahyeɛ so;

wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim

na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.

9 Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa

nanso mɛkɔ so ne no adi.

Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so

ne wɔn a wɔbɛka asase no so.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também