Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 18

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Kus

1 Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ so

Kus nsubɔntene ho,

2 a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so

a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani.

Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ,

monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam tromtrom no nkyɛn,

nnipa a wɔn ho hu mmaa nyinaa,

aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,

na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.

3 Mo ewiasefoɔ nyinaa,

mo a motete asase so,

wɔpagya frankaa bepɔ no so a,

mobɛhunu.

wɔhyɛn totorobɛnto a,

mobɛte.

4 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me,

"Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn.

Mɛyɛ dinn te owia a ɛrebɔ,

te ɛbɔ a ɛsi otwa berɛ mu."

5 Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no,

na nhwiren no anyini adane bobe no,

wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no;

wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ.

6 Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa

a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa;

nnomaa no bɛdi wɔn nam ahuhuro ɛberɛ mu.

Wiram mmoa bɛwe wɔn nam awɔ berɛ mu.

7 Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade

ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam tromtrom ,

nnipa a wɔn ho hu mmaa nyinaa,

aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa,

na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.

Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também