Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 17

Adehunu A Ɛtia Damasko

1 Adehunu a ɛfa Damasko ho:

"Hwɛ, Damasko renyɛ kuropɔn bio

ɛbɛdane ayɛ mmubuiɛ sie.

2 Aroer nkuropɔn bɛdane nkurofon

na wɔagya ama nnwankuo ama wɔadeda ,

a obiara renyi wɔn hu.

3 Kuropɔn a wɔabɔ ho ban bɛyera Efraim,

adehyetumi nso bɛfiri Damasko;

Aram nkaeɛfoɔ bɛyɛ

Israelfoɔ animuonyam,"

Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.

4 "Ɛda no, Yakob animuonyam bɛpa;

na ne mu sradeɛ bɛsa.

5 Ɛbɛyɛ sɛdeɛ otwafoɔ twa aburoo a ɛgyina afuo so

na ɔde ne nsa pempan

ɛberɛ a obi redi mpɛpɛwa

Refaim Bɔnhwa mu.

6 Nanso mpɛpɛwa no mu bi bɛka,

sɛdeɛ wɔwoso ngo dua a ɛyɛ no;

ɛka aba no mmienu anaa mmiɛnsa atifi mman no so,

ne ɛnan anaa enum mman a ɛsoɔ no so,"

sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie.

7 Saa ɛda no, nnipa de wɔn ani bɛto wɔn Yɛfoɔ so

na wɔadane wɔn ani ahwɛ Israel Ɔkronkronni no.

8 Wɔremfa wɔn ho nto afɔrebukyia a

ɛyɛ wɔn nsa ano adwuma no so,

na wɔbɛbu Asera afɔrebukyia ne nnuhwan afɔrebukyia

a wɔde wɔn nsateaa ayɛ no animtia.

9 Ɛda no, wɔn nkuropɔn a ɛwɔ banbɔ denden a Israelfoɔ enti wɔgyaa no bɛyɛ mmeammea a wɔagya ama nnɔtɔ ne wira. Ne nyinaa bɛda mpan.

10 Mo werɛ afiri Onyankopɔn, mo Agyenkwa,

na monkaee Ɔbotan no, mo aban no.

Enti ɛwom mopɛ nnua papa

na modua bobe a moatɔ afiri amanɔne.

11 Ɛwom ɛda a moduaeɛ no, momaa ɛnyiniiɛ

anɔpa a moduaeɛ no, na moma ɛguu nhwiren.

Nanso otwa no renyɛ hwee

yadeɛ ne ɔyea a wɔntumi nsa.

12 Ao aman dodoɔ no nhurusoɔ,

wɔhuruso te ɛpo a ɛrebɔ asorɔkye!

Ao nnipa dodoɔ nworosoɔ,

wɔworoso nsuo akɛseɛ!

13 Ɛwom nnipa dodoɔ no woro so te nsuo a ɛresene mmirika so,

nanso, Onyankopɔn bɛka wɔn anim ama wɔadwane akɔ akyirikyiri,

te ntɛtɛ a mframa gu bepɔ so

te anweatam so wira a mframa den rebɔ no.

14 Anwummerɛ, wɔbɔ yɛn hu awerɛfirie mu.

Nanso ansa na adeɛ bɛkye no, na wɔkɔ dada!

Wɔn a wɔfo yɛn nneɛma,

ne wɔn a wɔbɔ yɛn korɔno kyɛfa nie.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também