Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 24

Asase Sɛeɛ A Ɛfiri Awurade

1 Hwɛ, Awurade rebɛma asase ada mpan

na wasɛe no;

ɔbɛsɛe asase ani

na wabɔ ɛsotefoɔ ahwete,

2 ɛbɛyɛ saa ara

ama ɔsɔfoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama nnipa,

ama owura sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama asomfoɔ,

ama awuraa sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama afenaa,

ama deɛ ɔtɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔtɔ,

ama deɛ ɔgye bosea sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔma bosea,

ama ɔkafoɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ ama deɛ ɔde ma.

3 Asase bɛda mpan koraa,

na wɔafom ɛso nneɛma.

Awurade na waka saa asɛm yi.

4 Asase so wesee, na ɛkusa

ewiase ahoyera mu, na ɛkusa,

deɛ wɔama no so asase so ho yera no.

5 Asase so nnipa agu ne ho fi;

wɔanni mmara no so,

wɔabu ahyɛdeɛ no so

na wɔasɛe apam a ɛwɔ daa no.

6 Enti, nnome amene asase no

ɛsɛ ɛso nnipa nya wɔn afɔdie so akatua

ne saa enti wɔahye asase no so nnipa,

na kakra bi na aka.

7 Nsa foforɔ no ho asa na bobe no adwan;

wɔn a wɔgye wɔn ani no si apinie.

8 Akasaeɛbɔ mu anigyeɛ no agyae,

ahosɛpɛfoɔ no nteateamu no agyae.

Sankuten so nnwom dɛɛdɛ no ayɛ dinn.

9 Wɔnnto dwom mfa nnom nsã bio;

mmorɔsa ayɛ nwono ama anomfoɔ.

10 Kuropɔn a wɔasɛe no ada mpan;

wɔatoto efie biara apono mu.

11 Wɔpere nsã mmɔntene so;

ahosɛpɛ nyinaa adane bosoo ,

anigyeɛ nyinaa atu ayera asase no so.

12 Kuropɔn no asɛe,

wɔabubu nʼapono mu nketenkete.

13 Saa ara na ɛbɛyɛ asase no so

ne amanaman no mu,

sɛdeɛ wɔboro ngo dua a ɛyɛ,

anaa sɛdeɛ wogya mpɛpɛ bobe twaberɛ akyi no.

14 Nanso wɔn a aka no ama wɔn nne so, de anigye teateaam;

ɛfiri atɔeɛ fam, wɔkamfo Awurade kɛseyɛ.

15 Enti apueeɛ fam, monhyɛ Awurade animuonyam;

momma Awurade din so, Israel Onyankopɔn no,

nsupɔ a ɛwɔ ɛpo so.

16 Ɛfiri asase ano, yɛte nnwontoɔ ,

"Animuonyam nka Ɔteneneeni no."

Nanso mekaa , "Matɔ baha, mapa aba!

Me nnue!

Ɔfatwafoɔ redi hwammɔ!

Ɔnam nnaadaa so redi hwammɔ."

17 Ehu, amena ne afidie retwɛn mo,

Ao nnipa a mote asase soɔ.

18 Deɛ ehu enti ɔdwane no,

ɔbɛtɔ amena mu;

deɛ ɔforo firi amena mu no,

afidie bɛyi no.

Wɔabue nsuo apono soro,

na asase nnyinasoɔ woso.

19 Wɔadwiri asase no

na emu apaapae,

na asase awoso ankasa.

20 Asase ntentan te ɔsabofoɔ.

Ɛhinhim biribiri te ntomadan mframa ano;

nʼatuateɛ ho afɔdie ayɛ adesoa ama no

na ɛhwe ase a ɛrensɔre bio.

21 Saa ɛda no, Awurade bɛtwe

ɔsoro atumfoɔ

ne ahemfo a ɛwɔ asase so aso.

22 Wɔbɛka wɔn nyinaa abɔ mu

nneduafoɔ ahyɛ afiase amena mu;

wɔbɛto wɔn mu nneduadan mu

na nna bebree akyi no wɔatwe wɔn aso.

23 Ɔsrane anim bɛgu ase na owia ani awu;

na Asafo Awurade bɛdi ɔhene

Sion bepɔ so ne Yerusalem,

ne wɔn mpanimfoɔ anim, animuonyam mu.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também