Pular para o conteúdo
Publicidade

Yesaia 7

Immanuel Ho Nsɛnkyerɛnneɛ

1 Ɛberɛ a Usia babarima Yotam babarima Ahas7.1 Ɛbɛyɛ afe 735 AWK mu no, Israel ne Siria ka bɔɔ mu tiaa Asiria, na wɔpɛɛ sɛ wɔhyɛ Ahas a na ɔyɛ Yuda ɔhempɔn no na ɔne wɔn bom kɔko. bɛdii Yudaman so ɔhene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoeɛ, nanso wɔantumi anni ne so.

2 Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie , "Aram ne Efraim ayɛ apam." Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso mframa ano no.

3 Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia , "Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so. 4 Ka kyerɛ no , Hwɛ yie, komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti. 5 Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho , 6 "Momma yɛnto nhyɛ Yuda so, na yɛntete wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yɛnsi Tabeel babarima ɔhene so." 7 Nanso deɛ Asafo Awurade seɛ nie:

" Ɛremma so,

na ɛrensi da,

8 Aram tiri ne Damasko,

na Resin na ɛyɛ Damasko ti.

Mfirinhyia aduosia enum mu no

Efraim mu bɛtete koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.

9 Efraim tiri ne Samaria

Remalia babarima ne Samaria ti.

woannyina pintinn wo gyidie mu a,

worennyina koraa.’ "

10 Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio , 11 "Bisa Awurade wo Onyankopɔn nsɛnkyerɛnneɛ, ɛwɔ ebunu ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohoa."

12 Nanso, Ahas buaa , "Meremmisa. Merensɔ Awurade nhwɛ."

13 Na Yesaia kaa , "Montie Dawid fie! Ɛnnɔɔso mma mo mobɛsɔ nnipa ntoboaseɛ ahwɛ? Na mobɛsɔ me Onyankopɔn nso ntoboaseɛ ahwɛ anaa? 14 Ɛnneɛ, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ; ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na ɔbɛfrɛ no Immanuel. 15 Ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ɛberɛ a wahunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ. 16 Nanso, ansa na abarimaa no bɛhunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ no, wɔbɛma ahemfo mmienu a wosuro wɔn no nsase ada mpan. 17 Awurade de ɛberɛ bi bɛba wo ne wo nkurɔfoɔ ne wʼagya fie so a ɛso bi mmaa da, ɛfiri ɛberɛ a Efraim tee ne ho firii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba."

18 Ɛda no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afiri nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri Misraim ne nwowa a wɔfiri Asiria asase so. 19 Wɔn nyinaa bɛba abɛgu mmɔnhwa a emu ne ntokuro a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne nsuka mu. 20 Ɛda no, Awurade de oyiwan a ɔbɛgye Asubɔnten no agya nohoa Asiriahene nkyɛn, na ɔde ayi motiri so ne monan ho nwi na wayi mo abɔgyesɛ nso. 21 Saa ɛda no, obiara bɛyɛn nantwiburuwa baako ne mpɔnkye mmienu. 22 Na ɛsiane nufosuo dodoɔ a wɔbɛma enti, ɔbɛnya nufosuo ani sradeɛ adi. Wɔn a wɔbɛka asase no so nyinaa bɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ. 23 Saa ɛda no, baabiara a na anka bobe apem a ne boɔ dwetɛ kilogram dubaako ne fa no, wɔbɛhunu nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ. 24 Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ , ɛfiri nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ agye . 25 Nkokoɔ a na anka kane no wɔde nsɔ so adwuma no, nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ ho hu enti wɔrenkɔ bio. Ɛbɛdane mmeammea a wogyaa anantwie ne nnwan ma wɔkɔ.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também