Publicidade

Lucas 4

Ɔbonsam Yesu Hwɛ

1 Afei, Yesu a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no firii Asubɔnten Yordan ho maa Honhom no de no kɔɔ Yudea ɛserɛ so. 2 Ɛhɔ na ɔbonsam kɔsɔɔ no hwɛɛ adaduanan. Saa nna no mu no, wanni hwee. Na ɛkɔm dee no.

3 Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu , "wone Onyankopɔn Ba no a, ka na saa aboɔ yi nnane aduane."

4 Yesu buaa no , "Wɔatwerɛ : Ɛnyɛ aduane nko ara na ɛho hia onipa nʼasetena mu.’ "

5 Ɔbonsam de Yesu kɔɔ bepɔ bi so kyerɛɛ no ewiase ahennie nyinaa ɛberɛ tiawa bi mu. 6 Na ɔka kyerɛɛ Yesu , 7 "wobɛkoto, asom me a, mede ahennie ahodoɔ yi ne emu tumi ne animuonyam nyinaa a wɔde ahyɛ me nsa yi bɛma wo."

8 Yesu buaa no , "Wɔatwerɛ : Som Awurade, wo Onyankopɔn, na ɔno nko ara na som no.’ "

9 Afei, ɔbonsam de Yesu kɔɔ Yerusalem de no kɔgyinaa asɔredan a ɛwɔ no atifi pɛɛ na ɔka kyerɛɛ no , "wone Onyankopɔn Ba no ampa ara a, gyaa wo ho firi deɛ wogyina to fam! 10 Ɛfiri wɔatwerɛ ,

" Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfoɔ

abɛbɔ wo ho ban;

11 na wɔabɛsɔ wo

na woammɛhwe abotan no so.’ "

12 Yesu buaa no , "Wɔatwerɛ : Nsɔ Awurade, wo Onyankopɔn, nhwɛ.’ "

13 Ɔbonsam wiee sɔhwɛ no nyinaa no, ɔgyaa no kɔeɛ ansa.

Yesu Asɛnka Ahyɛaseɛ

14 Yesu sane baa Galilea a na Honhom Kronkron ahyɛ no ma. Ankyɛre koraa ne din trɛɛ ɔman no mu nyinaa. 15 Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn hyiadan mu maa obiara kamfoo no.

Wɔpo Yesu Nasaret

16 Yesu baa Nasaret, kuro a ne mmɔfraase wɔtetee no mu no mu. Na sɛdeɛ ɔtaa no, ɔkɔɔ hyiadan mu homeda. Ɔsɔre kɔɔ anim ɔrekɔkenkan Atwerɛsɛm. 17 Wɔde Odiyifoɔ Yesaia nwoma hyɛɛ ne nsa na ɔbuee baabi a wɔatwerɛ ,

18 "Awurade Honhom me so,

na wɔayi me

memmɛka asɛmpa nkyerɛ ahiafoɔ.

Na menka nkyerɛ wɔn a wɔwɔ nnommum mu ,

wɔbɛnya ahofadie,

na anifirafoɔ ahunu adeɛ ama wɔn a wɔbu wɔn animtiaa nso anya animuonyam.

19 Honhom no asoma me memmɛka , Awurade adom no aba."

20 Ɔtoo nwoma no mu de maa ɔhwɛfoɔ no na ɔtenaa ase; na obiara a ɔwɔ hyiadan no mu no hwɛɛ no dinn. 21 Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn , "Ɛnnɛ na Atwerɛsɛm no aba mu."

22 Na kasa pa ne adom nsɛm a ɔkaeɛ no yɛɛ wɔn a wɔteeɛ nyinaa nwanwa ma wɔbisaa , "Ɛnyɛ Yosef ba no ni?"

23 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Akyinnyeɛ biara nni ho mode yi bɛbu me , Ɔyaresafoɔ, sa wo ho yadeɛ. Deɛ yɛate afa wo ho woyɛɛ Kapernaum no, bi wo kurom ha.

24 "Nanso, mereka ama moate aseɛ , Odiyifoɔ biara nni animuonyam ne kurom. 25 Nokorɛ mu, Elia ɛberɛ so no, na mmaa akunafoɔ bebree Israelman mu. Saa ɛberɛ no osuo antɔ mfeɛ mmiɛnsa ne abosome nsia enti ɛmaa ɛkɔm kɛseɛ baa ɔman no nyinaa mu. 26 Nanso, Onyankopɔn ansoma Odiyifoɔ Elia ankɔ obiara nkyɛn ɔbaa kunafoɔ a na ɔwɔ Sarepta a ɛwɔ Sidon no nkyɛn. 27 Bio, saa ɛberɛ no na akwatafoɔ bebree Israelman mu, nanso Odiyifoɔ Elisa ansa obiara yadeɛ ɔsahene Naaman a ɔfiri Siriaman mu no nko ara."

28 Nnipa a wɔwɔ hyiadan no mu tee ne nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔn bo fuu papaapa. 29 Wɔde abufuo piapiaa no firii kuro no mu de no kɔɔ bepɔ a wɔn kuro da so no ano wɔrekɔwɔ nʼatikɔ ama wakɔhwe bepɔ no ase. 30 Nanso, ɔfaa wɔn mu kɔɔ ne baabi.

Yesu Tu Honhommɔne

31 Yesu kɔɔ Kapernaum a ɛwɔ Galilea. Ɔkyerɛkyerɛɛ nnipa no homeda biara. 32 Ɛha nso ne nkyerɛkyerɛ no yɛɛ nkurɔfoɔ no nwanwa ɛfiri , ɔkasaa tumi so.

33 Na ɔbarima bi hyiadan no mu a honhommɔne ahyɛ no ma. Ɔhunuu Yesu no, ɔteaam , 34 "Yesu Nasareni, mmɛha yɛn. Yɛne wo nni hwee . Woaba worebɛsɛe yɛn anaa? Menim onipa ko a woyɛ. Wone Onyankopɔn Ba Kronkronni no."

35 Yesu hyɛɛ honhommɔne no , "Tu firi ne mu !" Honhommɔne no de ɔbarima no hwee fam na ɛtu firii ne mu kɔeɛ a hwee anyɛ no.

36 Nnipa no nyinaa ho dwirii wɔn, na wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Asɛm bɛn ni. Onipa bɛn ni a ɔde tumi ne ahoɔden tea ahonhommɔne ma wɔtie yi?" 37 Deɛ ɔyɛeɛ yi ho asɛm trɛɛ ɔman no mu nyinaa.

Petro Ase Baa Ayaresa

38 Yesu firii hyiadan no mu no, ɔkɔɔ Simon efie kɔtoo huraeɛnini abɔ Simon ase baa. Nnipa a wɔwɔ no srɛɛ no ɔnsa no yadeɛ. 39 Ɔkɔɔ deɛ ɔda kɔgyinaa ne nkyɛn, teaa yadeɛ no ma ɛgyaeɛ amonom ara ma ɔsɔre maa wɔn aduane diiɛ.

40 Onwunu dwoeɛ no, wɔde ayarefoɔ pii baa , Yesu nsa wɔn yadeɛ. Ɔde ne nsa guu wɔn so saa wɔn yadeɛ. 41 Ahohommɔne firii nnipa no pii mu firiiɛ a na wɔreteateam , "Wone Onyankopɔn Ba no." Nanso, Yesu kaa wɔn anim, hyɛɛ wɔn wɔmmua wɔn ano, ɛfiri , na ahonhommɔne no nim ɔno ne Kristo no.

Yesu Asɛnka Yudea

42 Adeɛ kyeeɛ no, Yesu tee ne ho kɔɔ ɛserɛ so baabi a ɛhɔ dinn. Nkurɔfoɔ no kyini hwehwɛɛ no na wɔhunuu no no, wɔsrɛɛ no ɔntena wɔn nkyɛn Kapernaum . 43 Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Ɛsɛ meka Asɛmpa a ɛfa Onyankopɔn Ahennie ho no mekyerɛ afoforɔ nso, ɛfiri , ɛno enti na wɔsomaa me." 44 Yesu kyinkyinii Yudeaman no mu kɔɔ hyiadan ahodoɔ mu kɔkyerɛkyerɛeɛ.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-