Publicidade

Joel 1

1 Awurade asɛm a ɛbaa Petuel babarima Yoɛl so nie.

Ɛda A Ntutummɛ No Bɛba

2 Montie saa asɛm yi, mo mpanimfoɔ;

montie, mo a mote asase no so nyinaa.

Asɛm bi a ɛte sɛi asi mo mmerɛ so

anaa mo mpanimfoɔ mmerɛ so pɛn?

3 Monka nkyerɛ mo mma,

na mo mma nso nka nkyerɛ wɔn mma

na wɔn mma nso nka nkyerɛ awoɔ ntoatoasoɔ a ɛdi soɔ no.

4 Deɛ ntutummɛ kuo no gyaeɛ no

ntutummɛ akɛseɛ no awe

deɛ ntutummɛ akɛseɛ no gyaeɛ no

ntutummɛ nkumaa no awe

deɛ ntutummɛ nkumaa no gyaeɛ no

ntutummɛ afoforɔ awe.

5 Mo asabofoɔ, monyane, na monsu!

Mo a monom bobesa nyinaa, montwa adwo;

montwa adwo ɛfiri nsã foforɔ no

wɔayi afiri mo ano.

6 Ɔman bi atu mʼasase so sa

ɛdɔm a wɔyɛ den na wɔntumi nkane wɔn;

wɔn se te gyata se

na wɔwɔ gyatabereɛ sebɔmmɔfoɔ.

7 Wɔasɛe me bobe

ne me borɔdɔma nnua.

Wawaawae nnua no ho bona,

ato agu

agya ne mman a ayɛ fitaa .

8 Di awerɛhoɔ ababaawa a ɔfira ayitoma

na ɔresu ne kunu a ɔwaree no ne mmabaawaberɛ mu.

9 Aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ,

wɔayi afiri Awurade efie.

Asɔfoɔ no retwa adwoɔ,

wɔn a wɔsom Awurade anim no.

10 Mfuo asɛe,

asase no so awo wesee

aduane no asɛe

nsã foforɔ no awe

ngo nyinaa asa.

11 Mo ani nwu, mo akuafoɔ,

mo ntwa adwo, mo a modua bobe;

Monsi apinie mma ayuo ne atokoɔ,

ɛfiri otwaberɛ no asɛe.

12 Bobe no akusa

na borɔdɔma nnua no awuwu.

Ateaa nnua, mmɛdua, aperɛ ne

nnua a ɛwɔ mfuo no so nyinaa ahye.

Nokorɛm, anigyeɛ a nnipa no

atu ayera.

13 Momfira ayitoma na monni awerɛhoɔ, Ao asɔfoɔ;

mo a mosom afɔrebukyia anim, montwa adwo.

Momfira ayitoma mmɛsiri

mo a mosom Onyankopɔn anim;

ɛfiri aduane ne ahwiesa afɔrebɔdeɛ no

ɛto atwa Onyankopɔn efie.

14 Mommɔ mmuadadie kronkron ho dawuro;

momfrɛ nhyiamu kronkron.

Monfrɛ mpanimfoɔ

ne wɔn a wɔte asase no so nyinaa

mmra Awurade mo Onyankopɔn efie

na wɔmmesu mfrɛ Awurade.

15 Ɛda no aba!

Awurade ɛda no abɛn;

Ɛbɛba ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ .

16 Yɛnnhunuu aduane ho ayɛ na,

anigyeɛ ne ahosɛpɛ nso to atwa

yɛn Onyankopɔn efie anaa?

17 Aba no wu asase wesee mu,

adekoradan abubu,

aburopata nso ho nni mfasoɔ,

ɛfiri nnuane no ahye.

18 Sɛdeɛ anantwie su!

Na anantwikuo kyinkyini kwa.

Nnwankuo mpo rebrɛ

ɛfiri wɔnni adidibea.

19 Awurade, wo na mesu frɛ wo,

ɛfiri ogya ahye ɛserɛ so adidibea

na ogyaframa ahye mfuo no so nnua nyinaa.

20 Wiram mmoa mpo pere hwehwɛ wo.

Nsuwansuwa awewe,

na ogya ahye ɛserɛ so adidibea.

Veja também

Joel
Ver todos os capítulos de Joel
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-04_23-13-58-