45 Filipo firi hɔ kɔɔ Natanael nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, "Yɛahunu Agyenkwa no a Mose ne adiyifoɔ no hyɛɛ ne ho nkɔm no no. Wɔfrɛ no Yesu. Ɔyɛ Yosef a ɔfiri Nasaret no ba."
46 Natanael bisaa Filipo sɛ, "Ade pa bi bɛtumi afiri Nasaret aba?"
Filipo nso ka kyerɛɛ no sɛ, "Bra na bɛhwɛ."
47 Ɛberɛ a Yesu hunuu Natanael sɛ ɔreba no, ɔkaa sɛ, "Israelni nokwafoɔ ni ampa."
48 Natanael bisaa Yesu sɛ, "Woyɛɛ dɛn hunuu sɛdeɛ meteɛ?"
Yesu nso buaa no sɛ, "Ɛberɛ a wowɔ borɔdɔma dua no ase hɔ no na mehunuu wo ansa na Filipo rebɛfrɛ wo."
49 Natanael kaa sɛ, "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, wone Onyankopɔn Ba, Israelhene no!"
50 Yesu bisaa no sɛ, "Esiane sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ mehunuu wo wɔ borɔdɔma dua no ase enti na wogye di anaa? Wobɛhunu nneɛma akɛseɛ a ɛsene yeinom. 51 Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ, mobɛhunu sɛ ɔsoro abue na Onyankopɔn abɔfoɔ redi aforosiane Onipa Ba no soɔ."