Pular para o conteúdo
Publicidade

João 11

21 Marta ka kyerɛɛ Yesu , "Ao, Awurade, wowɔ ha a, anka me nua no anwu! 22 Menim mpo saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ."

23 Yesu ka kyerɛɛ no , "Wo nua no bɛsane anya nkwa bio."

24 Marta buaa no , "Awurade, menim owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre."

25 Yesu ka kyerɛɛ no , "Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?"

27 Marta buaa , "Awurade, megye medi. Megye medi wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no."

Veja também