Publicidade

João 11

Lasaro

1 Ɔbarima bi tenaa ase Betania a na wɔfrɛ no Lasaro. Betania yi kuro a na Maria ne ne nua Marta firi mu. Ɛda bi, saa ɔbarima yi yareeɛ. 2 Saa Maria yi a ne nuabarima ne Lasaro a na ɔyare no, ɔno na ɔhwiee ngo guu Awurade nan ase de ne tirinwi pepaeɛ no. 3 Anuanom yi soma kɔɔ Yesu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no , "Awurade, wo dɔfoɔ no yare."

4 Yesu tee nkra no, ɔkaa , "Ɛnyɛ saa yadeɛ yi na ɛbɛkum Lasaro. Mmom, Onyankopɔn ɔfa saa yadeɛ yi so hyɛ ne ho animuonyam, na saa animuonyam yi bi nso ka Onipa Ba no." 5 Na Yesu Maria ne ne nuabaa Marta ne Lasaro asɛm yie. 6 Ɛberɛ a Yesu tee nkra Lasaro yare dendeenden no, wankɔ saa ɛberɛ no ara mu; ɔtenaa nnanu. 7 Afei, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no , "Momma yɛnsane nkɔ Yudea."

8 Nanso, asuafoɔ no ka kyerɛɛ no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, ɛnkyɛree biara na Yudafoɔ no pɛɛ wɔsi wo aboɔ ɛnna afei wose yɛnsane nkɔ bio yi?"

9 Yesu kaa , "Nnɔnhwere dumienu na ɛwɔ da koro mu, meboa anaa? Ɛno enti, obi nam hann mu a, ɔrensunti, ɛfiri , ɔnam ewiase hann mu. 10 Nanso, ɔnam anadwo sum mu a, ɔbɛsunti, ɛfiri , ɔnam sum mu."

11 Yesu sane kaa , "Yɛn adamfo Lasaro ada na merekɔ akɔnyane no."

12 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu , "Awurade, wada deɛ a, ɛnneɛ na ne ho bɛtɔ no." 13 Na Yesu kyerɛ Lasaro awu, nanso asuafoɔ no deɛ, na wɔsusu nna ara na wada.

14 Ɛno enti, Yesu ka kyerɛɛ wɔn pefee , "Lasaro awu; 15 nanso mo enti, ɛyɛ me anigye na menni sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi. Momma yɛnkɔ ne nkyɛn."

16 Toma a wɔfrɛ no Ata no ka kyerɛɛ ne mfɛfoɔ asuafoɔ no , "Momma yɛne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no nyinaa nkɔ na yɛne no nkɔwu."

Lasaro Owuo Ne Ne Sie

17 Yesu duruu Betania no, na Lasaro awu ma wɔasie no ma adi nnanan. 18 Ɛfiri Betania rekɔ Yerusalem no nnuru akwansini mmienu, 19 na saa ɛberɛ no, na Yudafoɔ bebree aba Marta ne Maria nkyɛn wɔrebɛgyam wɔn wɔn nua no wuo no ho. 20 Marta tee Yesu reba no, ɔfirii adi kɔhyiaa no, na Maria deɛ, ɔtenaa efie.

21 Marta ka kyerɛɛ Yesu , "Ao, Awurade, wowɔ ha a, anka me nua no anwu! 22 Menim mpo saa ɛberɛ yi mu biribiara a wobɛbisa Onyankopɔn ɔnyɛ mma wo no, ɔbɛyɛ."

23 Yesu ka kyerɛɛ no , "Wo nua no bɛsane anya nkwa bio."

24 Marta buaa no , "Awurade, menim owusɔreɛ da no ɔno nso bɛsɔre."

25 Yesu ka kyerɛɛ no , "Me na menyane awufoɔ ma wɔn nkwa. Obiara a ɔgye me di no, wawu mpo a, ɔbɛsane anya nkwa. 26 Na obiara a ɔte ase na ɔgye me di no, renwu da. Wogye yei di anaa?"

27 Marta buaa , "Awurade, megye medi. Megye medi wone Kristo Agyenkwa a ɔne Onyankopɔn Ba a ɔreba ewiase no."

Yesu Su Lasaro

28 Marta kaa saa asɛm yi wieeɛ no, ɔkɔfrɛɛ ne nua Maria de no kɔɔ kɔkoam ka kyerɛɛ no , "Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no aba na wabisa wʼase." 29 Maria tee saa asɛm yi no, ɔyɛɛ ntɛm kɔhyiaa Yesu. 30 Saa ɛberɛ no na Yesu mmɛduruu akuraa no ase . Na ɔda so faako a Marta hyiaa no no. 31 Ɛberɛ a Yudafoɔ a wɔwɔ efie regyam Maria no hunuu wasɔre ɔherɛ so refiri adi no, wɔdii nʼakyi, ɛfiri , na wɔsusu ɔrekɔ da no so akɔsu.

32 Maria duruu faako a Yesu no, ɔtotoo ne nan ase kaa , "Ao, Awurade, wowɔ ha, a anka me nua no anwu."

33 Yesu hunuu Maria ne Yudafoɔ a wɔka ne ho no resu no, ɛhaa no yie na ne werɛ hoeɛ. 34 Ɔbisaa wɔn , "Ɛhe na mosiee no?"

Wɔbuaa no , "Awurade, bra na yɛnkɔkyerɛ wo."

35 Yesu suiɛ.

36 Yudafoɔ no hunuu ɔresu no, wɔkaa , "Yei kyerɛ ɔdɔ a ɔde no."

37 Wɔn mu bi kaa , "Onipa a ɔmaa onifirani hunuu adeɛ no, monnnye nni anka ɔbɛtumi agye Lasaro nkwa anaa?"

Yesu Nyane Lasaro Firi Awufoɔ Mu

38 Asɛm a nkurɔfoɔ no kaeɛ no maa Yesu werɛ hoeɛ. Afei, ɔkɔɔ ɛda a wɔde ɛboɔ ahini ano no so. 39 Yesu hyɛɛ wɔn , "Monyi ɛboɔ a ɛhini ɛda no ano no."

Marta a ɔyɛ owufoɔ no nuabaa no kaa , "Awurade, ɛbɛyɛ nna ɛnan ni a yɛbɛsiee no enti saa ɛberɛ yi deɛ, ɛbɔn."

40 Yesu ka kyerɛɛ Marta , "Manka ankyerɛ wo , wogye di a wobɛhunu Onyankopɔn animuonyam?"

41 Wɔyii ɛboɔ no firii ɛda no ano. Afei, Yesu hwɛɛ ɛsoro, bɔɔ mpaeɛ , "Agya, meda wo ase wotie me. 42 Menim wotie me daa nyinaa, nanso ɛsiane nnipa a wɔwɔ ha enti na mereka yei sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛgye adi wo na wosomaa me."

43 Ɔkaa yei wieeɛ no, ɔteaam denden , "Lasaro, sɔre bra!" 44 Lasaro sɔre baeɛ a ntoma a wɔde kyekyeree ne nsa ne ne nan ne nʼanim no da so kyekyere no.

Yesu ka kyerɛɛ wɔn , "Monsane ne ho ntoma no na ɔnkɔ."

Yudafoɔ Yesu Ho

45 Yudafoɔ a wɔbɛsraa Maria na wɔhunuu deɛ Yesu yɛeɛ no mu bebree gyee no diiɛ. 46 Na wɔn mu bi nso kɔɔ Farisifoɔ no kɔkaa deɛ ɛsiiɛ no nyinaa kyerɛɛ wɔn.

47 Enti Farisifoɔ no ne asɔfoɔ mpanin no hyiaa badwafoɔ no kaa , "Ɛdeɛn na yɛnyɛ? Monhwɛ anwanwadeɛ a saa onipa yi reyɛ! 48 yɛma ɔkɔ so deɛ ɔreyɛ yi a, nnipa nyinaa bɛgye no adi na wɔadi nʼakyi. ɛba saa a, Roma aban bɛbisa yɛn asɛm na wasɛe yɛn asɔredan ne ɔman mu yi nyinaa."

49 Kaiafa a saa ɛberɛ no na ɔyɛ ɔsɔfopanin no kaa , "Mo deɛ, monnim hwee! 50 Monnim ɛyɛ ma mo onipa baako bɛwu ama nnipa no nyinaa sene wɔbɛsɛe ɔman mu no nyinaa?"

51 Ɛmfiri ɔno ankasa ne tumi mu na ɔkaa saa asɛm yi, ɛfiri , ɛsiane na ɔyɛ ɔsɔfopanin saa ɛberɛ no enti na ɔhyɛɛ nkɔm , "Yesu bɛwu de agye mo nkwa," 52 na ɛnyɛ wɔn nko, na mmom, ɛnam yei so bɛma Onyankopɔn mma a wɔabɔ ahwete no nyinaa ano aboa, na wɔayɛ ɔman baako. 53 Ɛfiri saa ɛberɛ no, Yudafoɔ mpanin no faa adwene wɔbɛkum Yesu.

54 Yei enti, Yesu anyi ne ho adi Yudea, na ɔfirii kɔɔ ɛserɛ so kuro bi a wɔfrɛ no Efraim ne nʼasuafoɔ no kɔtenaa .

55 Na Yudafoɔ Twam Afahyɛ no rebɛn enti nnipa pii fifirii wɔn nkuraaseɛ kɔɔ Yerusalem wɔrekɔdwira wɔn ho de atwɛn afahyɛ no. 56 Na wɔrehwehwɛ Yesu ahunu no. Ɛno enti, wɔduruu asɔredan mu no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho , "Mogye di Yesu bɛba afahyɛ yi bi anaa?" Ebinom kaa , "Yɛnnye nni." 57 Saa ɛberɛ yi na asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no ahyɛ , obi nim baabi a Yesu a, ɔnkyerɛ na wɔnkɔkye no.

Veja também

Publicidade
Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-06-29_22-07-56-