Yesu Ne Ɛkwan No
1 Yesu ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, "Mommma mo akoma nntu. Monnye Onyankopɔn nni na monnye me nso nni. 2 Tenaberɛ bebree wɔ mʼAgya efie, ɛno enti, merekɔ akɔsiesie baabi ama mo. Sɛ asɛm a mereka yi nyɛ nokorɛ a, anka merenka nkyerɛ mo. 3 Na sɛ mekɔ na mekɔsiesie baabi ma mo a, mɛsane aba abɛfa mo akɔ na me ne mo akɔtena.