Publicidade

João 14

16 Mɛbisa Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne Honhom Kronkron no a ɔda Onyankopɔn nokorɛ nyinaa adi no na ɔne mo atena daa. 17 Ewiase rentumi nnye no, ɛfiri , wɔnhunu no, na wɔnnim no. Nanso, mo deɛ, monim no, ɛfiri , ɔne mo na ɛte. 18 Merennya mo nwisiaa; mɛsane aba mo nkyɛn bio. 19 Ɛrenkyɛre biara nnipa renhunu me bio, nanso mo deɛ, mobɛhunu me; na ɛsiane mete ase no enti, mo nso mobɛtena ase. 20 Na da a mɛsɔre afiri awufoɔ mu no duru a, mobɛhunu mewɔ mʼAgya no mu, na mo nso mowɔ me mu, sɛdeɛ me nso mewɔ mo mu no. 21 Obiara a ɔdi mʼahyɛdeɛ so no ne obi a ɔdɔ me. Obiara a ɔdɔ me no mʼAgya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mada me ho adi akyerɛ no."

22 Yuda, a ɛnyɛ Iskariot, kaa , "Awurade, ɛbɛyɛ dɛn na wobɛda wo ho adi akyerɛ yɛn nko ara na ɛnyɛ nnipa nyinaa?"

23 Yesu buaa no , "Obiara a ɔdɔ me no bɛdi me nsɛm so. MʼAgya bɛdɔ no na me ne mʼAgya bɛba ne nkyɛn ne no abɛtena. 24 Obiara a ɔnnɔ me no renni me nsɛm so. Nsɛm a moate no nyɛ me ara me nsɛm, na mmom, ɛfiri mʼAgya a ɔsomaa me no nkyɛn.

25 "Mewɔ mo nkyɛn yi na mereka yeinom nyinaa akyerɛ mo. 26 Honhom Kronkron no a ɔne ɔboafoɔ a Agya no bɛsoma no me din mu no, bɛkyerɛkyerɛ mo biribiara, na wakaakae mo biribiara a maka akyerɛ mo no.

Veja também

Bíblia Online Bíblia Online

Bíblia Online • Versão: 2026-07-05_19-25-13-