Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 22

Yerusalem Nnebɔne

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn :

2 "Onipa ba, wobɛbu Yerusalem atɛn? Wobɛbu saa mogyahwiegu kuropɔn yi atɛn anaa? Ɛnneɛ fa ne nneyɛɛ a ɛyɛ akyiwadeɛ no nyinaa si nʼanim 3 na ka : Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ao kuropɔn a ɔnam mogya hwieguo so de nnome aba ne ho so na ɔde ahoni a ɔyɛ agu ne ho fi, 4 woadi mogya a woahwie agu na woagu wo ho fi ahoni a woayɛ enti. Woama wo nna abɛn, na wo mfeɛ awieeɛ no aba. Enti mɛyɛ wo ahohoradeɛ amanaman no mu, ne asredeɛ amantam no nyinaa mu. 5 Wɔn a wɔbɛn ne wɔn a wɔwɔ akyirikyiri bɛdi wo ho fɛw, Ao Kuropɔn a ɛnni animuonyam, na basabasayɛ ahyɛ no ma.

6 " Hwɛ sɛdeɛ Israel mmapɔmma a wɔwɔ wo mu no mu biara de ne tumi hwie mogya guo. 7 Wɔabu agya ne ɛna animtiaa wo mu. Wɔahyɛ ɔnanani so, na wɔatane awisiaa ne akunafoɔ ani. 8 Wɔabu mʼakronkronneɛ animtiaa na woagu me home nna ho fi. 9 Wo mu na mmarima ntwatosofoɔ a wɔpɛ wɔhwie mogya guo , wɔn a wɔdidi sorɔnsorɔmmea abosonnan mu, na wɔyɛ ahohoradeɛ. 10 Wo mu na wɔn a wɔgu wɔn agyanom mpa ho fi . Wɔn a wɔne mmaa a wɔabu wɔn nsa, na wɔn ho nteɛ no da no wo mu. 11 Wo mu na ɔbarima ne ne yɔnko yere bɔne a ɛyɛ akyiwadeɛ. Ɔfoforɔ ne nʼase baa da animguaseɛ mu, na ɔfoforɔ ne ne nuabaa da, ɔno ankasa nʼagya babaa. 12 Wo mu na nnipa gye adanmudeɛ ka mogya guo; wɔgye nsihoɔ ne mfasoɔ a ɛboro so firi wɔn mfɛfoɔ nkyɛn de nya wɔn ho bebree. Na mo werɛ afiri me, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.

13 " Ampa ara mɛbɔ me nsam agu wʼasisie ahonya ne mogya a woahwie agu no so. 14 Wʼakokoduro bɛtumi agyina anaa wo nsa bɛyɛ den ɛda no a me ne wo bɛnya no anaa? Me Awurade na akasa, na mɛyɛ. 15 Mɛhwete wo mu agu amanaman no so, na mabɔ wo apansam amantam no mu; na mede wo afideyɛ aba nʼawieeɛ. 16 wɔgu wo ho fi amanaman no mu a, wobɛhunu mene Awurade no.’ "

17 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn : 18 "Onipa ba, Israel efie abɛyɛ dwetɛ ase fi ama me; wɔn nyinaa kɔbere, sanya, dadeɛ ne sumpii a wɔagya fononoo mu. Wɔyɛ dwetɛ fi hunaa. 19 Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane mo nyinaa abɛyɛ dwetɛ fi enti, mɛboaboa mo ano Yerusalem. 20 Sɛdeɛ nnipa boaboa dwetɛ, kɔbere, sumpii ne sanya ano hyɛ fononoo mu de egyadɛreɛ a ano dene nane no, saa ara na mɛfiri mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ mu aboaboa mo ano kuropɔn no mu na manane mo. 21 Mɛboaboa mo ano na mahu mʼabufuhyeɛ ogya agu mo so, na moanane ne mu. 22 Sɛdeɛ wɔnane dwetɛ fononoo mu no, saa ara na mobɛnane ne mu na moahunu me Awurade na mahwie mʼabufuhyeɛ agu mo so.’ "

23 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn bio : 24 "Onipa ba, ka kyerɛ asase no , Woyɛ asase a woanya osutɔ anaa osuo ampete wo so abufuo ɛda no.25 Ne mmapɔmma abɔ bɔne ne mu te gyata a ɔbobɔm na ɔtete ne haboa mu. Wɔwe nnipa nam, wɔfa ademudeɛ ne nneɛma a ɛsom bo na wɔma akunafoɔ dɔɔso ne mu. 26 Nʼasɔfoɔ bu me mmara so na wɔgu mʼakronkronneɛ ho fi; wɔnnkyerɛ nsonsonoeɛ a ɛda deɛ ɛyɛ kronn ne deɛ ɛnyɛ kronn ntam; wɔkyerɛkyerɛ nsonsonoeɛ biara nna deɛ ɛho nteɛ ne deɛ ɛho teɛ ntam, na wɔbu wɔn ani gu me home nna die so, de gu me ho fi wɔn mu. 27 Nʼadwumayɛfoɔ te mpataku a wɔretete wɔn ahaboa mu; wɔhwie mogya gu na wɔkum nnipa de mfasoɔ bɔne. 28 Nʼadiyifoɔ nam atorɔ anisoadehunu ne nkontompo nkɔmhyɛ so ma saa nnebɔne yi fitaa. Wɔka , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,ɛberɛ a Awurade nkasaeɛ. 29 Asase no so nnipa di amin na wɔbɔ korɔno; wɔhyɛ ahiafoɔ ne mmɔborɔfoɔ so, wɔnnye ahɔhoɔ ani na wɔde atɛntenenee kame wɔn.

30 "Mehwehwɛɛ obi wɔn mu a ɔbɛto ɔfasuo no na wagyina mʼanim asase no anan mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a merensɛe asase no, nanso manhunu obiara. 31 Ɛno enti, mɛhwie mʼabufuhyeɛ agu wɔn so, na mede mʼabufuo a ɛyɛ hu no atɔre wɔn ase, na mama deɛ wɔayɛ nyinaa abɔ wɔn tiri so, Otumfoɔ Awurade asɛm nie."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também