Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 40

Asɔredan Foforɔ No Mfefaremu

1 Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so aduonu enum, afe no ahyɛaseɛ bosome ɛda a ɛtɔ so edu a ɛyɛ kuropɔn no asehweɛ afe a ɛtɔ so dunan no, saa ɛda no ara no Awurade nsa baa me so, na ɔde me kɔɔ . 2 Onyankopɔn anisoadehunu mu no, ɔde me kɔɔ Israel asase so, na ɔde me kɔgyinaa bepɔ tenten bi so; nʼanafoɔ fam no na adan bi a ɛsɛ kuropɔn. 3 Ɔde me kɔɔ na mehunuu ɔbarima bi a ne tebea te kɔbere mfrafraeɛ; na ɔgyina ɔpono no ano, kura serekye ahoma ne susudua ne nsam. 4 Ɔbarima yi ka kyerɛɛ me , "Onipa ba, fa wʼani hwɛ na fa wʼaso tie na biribiara a merebɛkyerɛ wo no, fa wʼadwene di akyire, ɛfiri ɛno enti na wɔde wo aba ha. Ka biribiara a wobɛhunu kyerɛ Israel efie."

Apueeɛ Fam Ɛpono A Ɛkɔ Akyire Adihɔ

5 Mehunuu ɔfasuo a atwa asɔredan no mfefaremu nyinaa ho ahyia. Susudua a ɛhyɛ ɔbarima no nsam no tenten anammɔn edu ne fa. Ɔsusuu ɔfasuo no hunuu ne pipiripie anammɔn edu ne fa, na ne ɔsorokɔ nso saa ara.

6 Afei, ɔkɔɔ abɔntenpono a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano. Ɔforoo nʼatrapoe no na ɔsusuu aboboano na ne tɛtrɛtɛ anammɔn edu ne fa. 7 Awɛmfoɔ adan no mu biara tentene mu anammɔn edu ne fa na ne tɛtrɛtɛ mu nso anammɔn edu ne fa. Afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam mu pipiripie anammɔn nson ne fa. Ntwonoo a anim kyerɛ asɔredan no aboboano ɛpono no tɛtrɛtɛ anammɔn edu ne fa. 8 Afei ɔsusuu ɛpono no ntwonoo; 9 na ne tentene mu anammɔn dumienu, na nʼadum mu biara nso pipiripie anammɔn mmiɛnsa. Ɛpono no ntwonoo anim hwɛ asɔredan no.

10 Na awɛmfoɔ adan mmiɛnsa mmiɛnsa apueeɛ ɛpono no benkum so ne nifa so; na ne nyinaa kɛseɛ na afasuo ntiantia a ɛtwitwa ntam no nso pipiripie . 11 Afei ɔsusuu abɔntenpono no ano ɛkwan, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn dunum na ne tentene mu nso anammɔn dunkron ne fa. 12 Awɛmfoɔ adan no mu biara anim ɔfasuo tiawa a ne sorokɔ ɔnamɔn ne fa, na awɛmfoɔ adan no mu biara ahinanan a ɔfa biara susu anammɔn edu ne fa. 13 Afei ɔsusuu ɛpono no firi awɛmfoɔ adan no mu baako ɔfasuo a ɛwɔ akyire no atifi kɔsii ɛdan a ɛne no di nhwɛanim no akyire ɔfasuo atifi; na ɛkwan a ɛda ntam anammɔn aduasa nson ne fa. 14 Ɔsusu faa afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no nyinaa anim ɛpono ɛkwan no mu, na ɛyɛɛ anammɔn aduɔkron. Ntenemu no kɔsii ntwonoo a anim hwɛ adihɔ no. 15 Ɛkwan a ɛfiri abɔntenpono aboboano kɔsi ntwonoo no tire anammɔn aduɔson enum. 16 Awɛmfoɔ adan ne afasuo ntiantia a ɛtwitwa wɔn ntam abɔntenpono ɛkwan no mu no, na banbɔ mpomma nketenkete atwa ho ahyia, na saa ara na ntwonoo no mu teɛ, na ne nyinaa buebue mu. Afasuo ntiatia a ɛtwitwa awɛmfoɔ adan no ntam no, wɔakurukyire mmɛdua de asiesie anim.

Adihɔ A Ɛda Akyire

17 Afei ɔde me baa adihɔ a ɛda akyire . Ɛhɔ na mehunuu adan bi ne aboɔ nsɛweeɛ bi a ɛwɔ mfikyire adihɔ no ɔfasuo ase nyinaa; na adan no aduasa aboɔ nsɛweeɛ no akyi. 18 Na aboɔ nsɛweeɛ no trɛ firi apono no anim, na na ne tɛtrɛtɛ te ntwonoo no a ɛhyɛn adihɔ no tɛtrɛtɛ; yei ne aseɛ nsɛweeɛ no. 19 Afei ɔsusuu ɛkwan a ɛfiri nhyɛnmu ɛpono a ɛdi ɛkan no de kɔsii ɛpono a ɛwɔ Kronkronbea no anim atifi fam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum firi apueeɛ de kɔsi atifi fam.

Atifi Fam Ɛpono

20 Afei ɔsusuu ɛpono a ani hwɛ atifi fam na ɛpue mfikyire adihɔ no tentene ne ne tɛtrɛtɛ. 21 Na awɛmfoɔ adan a mmiɛnsa afaafa, afasuo ntiawa a ɛtwitwa wɔn ntam ne ntwonoo no mfefaremu te ɔpono a ɛdi ɛkan no deɛ. Na ne tenten anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ anammɔn aduasa nson ne fa. 22 Na ne mpomma nketenkete ne ntwonoo ne mmɛdua a wɔakurukyire no nsusuwiiɛ nyinaa te ɛpono a ani hwɛ apueeɛ fam no deɛ. Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo de mu. Atwedeɛ no ne ntwonoo no di nhwɛanim. 23 Na ɛpono bi a ɛkɔ mfimfini adihɔ a ɛne atifi fam ɛpono no di nhwɛanim, sɛdeɛ na ɛteɛ apueeɛ fam no. Ɔsusu firii ɛpono baako ano kɔsii deɛ ɛne no di nhweanim no ano; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Anafoɔ Fam Pono

24 Afei ɔdii mʼanim de me kɔɔ anafoɔ fam, na mehunuu ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam no. Ɔsusuu nʼadum ne ntwonoo no, na wɔn nsusuiɛ te nkaeɛ no. 25 Na ɛpono no ne ntwonoo no ho wowɔ mpomma nketenkete ho nyinaa te mpomma nketenkete a ɛwɔ nkaeɛ no ho no. Na ntwonoo no tentene anammɔn aduɔwɔtwe nson na ne tɛtrɛtɛ anammɔn aduanan ɛnan. 26 Atwedeɛ nnidisoɔ nson na wɔforo ɛpono no ano, na ne ntwonoo no ne no di nhwɛanim; na mmɛdua mfoni afasuo ntiantia a ɛtwitwa awɛmfoɔ no adan no ntam no anim nʼafanu. 27 Na mfimfini adihɔ nso ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na ɔsusuu ɛkwan a ɛda saa ɛpono yi ne abɔntenpono a ɛwɔ anafoɔ fam no ntam; na ɛyɛ anammɔn ɔha ne aduonum.

Apono A Ɛkɔ Mfimfini Adihɔ

28 Afei, ɔde me faa anafoɔ fam ɛpono no mu baa mfimfini adihɔ . Ɔsusuu anafoɔ fam ɛpono no; na ne nsusuiɛ no nyinaa te deɛ aka no. 29 Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no . Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete ho nyinaa. Na ne tentene anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn aduasa nson ne fa. 30 (Ɛpono no ntwonoo a wɔde mfimfini adihɔ no tentene anammɔn aduasa nson na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn nson ne fa.) 31 Ɛpono no hwɛ mfikyire adihɔ ; nʼafadum ho mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de .

32 Afei, ɔde me baa mfimfini adihɔ apueeɛ fam na ɔsusuu ɛpono no; na ne nsusuiɛ ne deɛ aka no . 33 Nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiatia a ɛtwitwa adan no ntam ne ntwonoo no nsusuiɛ ne deɛ aka no . Na ɛpono no ne ne ntwonoo wowɔ mpomma nketenkete ho nyinaa. Na ne tentene anammɔn aduɔson enum na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn aduasa nson ne fa. 34 Ne ntwonoo hwɛ mfimfini adihɔ ; nʼafadum ho mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de .

35 Afei ɔde me baa atifi fam ɛpono no ano na ɔsusuiɛ. Na ne nsusuiɛ no ne deɛ aka no , 36 saa ara na nʼawɛmfoɔ adan, afasuo ntiantia a ɛtwitwa adan no ntam ne ne ntwonoo nkaeɛ no, ɛnna mpomma nketenkete ɛho nyinaa. Na ne tentene anammɔn aduɔson enum, na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn aduasa nson ne fa. 37 Ne ntwonoo no ani kyerɛ mfikyire adihɔ , nʼafadum no afaanu nyinaa ho mmɛdua a wɔakurukyire, na atrapoe nnidisoɔ nwɔtwe na wɔforo de .

Adan A Wɔsiesie Afɔrebɔdeɛ Mu

38 Ɛdan bi a ɛpono da ano bɛn ntwonoo a ɛwowɔ apono a ɛwɔ mfimfini no mu biara ho. Ɛhɔ na wɔhohoro ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ho. 39 Apono mmienu sisi abɔntenpono ntwonoo mu, na ɛso na wɔkunkum ɔhyeɛ afɔdeɛ, bɔne afɔdeɛ ne afɔdie afɔdeɛ mmoa. 40 Ntwonoo no akyi, atrapoe no nkyɛn mu fa ne fa a ɛrekɔ atifi fam ɛpono no ano no, na apono mmienu sisi . 41 Ɛno enti ɛpono no afa mmienu no, na apono ɛnan sisi ɛfa biara; ne nyinaa apono nwɔtwe a ɛso na wɔkum mmoa afɔrebɔdeɛ. 42 Aboɔ a wɔatwa apono ɛnan ma ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ. Emu biara tentene anammɔn mmienu ne fa, na ne tɛtrɛtɛ nso saa ara, ne sorokɔ ɔnamɔn baako ne fa. Saa apono yi so na wɔde asekan ne nkukuo a wɔde ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔdeɛ a aka mmoa ho adwuma guo. 43 Na kɔtɔkorɔ nta adinam a emu biara tentene nsateakwaa mmiɛnsa sensɛn afasuo no nyinaa ho. Apono no so na wɔde afɔrebɔ ɛnam guo.

Asɔfoɔ No Adan

44 Mfimfini ɛpono no akyi mfimfini adihɔ no, na adan mmienu ; baako bɛn atifi fam ɛpono a ani hwɛ anafoɔ fam, na baako nso bɛn anafoɔ fam ɛpono a ani kyerɛ atifi fam. 45 Ɔka kyerɛɛ me , "Ɛdan a ɛwɔ anafoɔ fam no, asɔfoɔ a wɔhwɛ asɔredan no so no dea, 46 Na ɛdan a ani kyerɛ atifi fam no asɔfoɔ a wɔhwɛ afɔrebukyia no so no dea. Yeinom Sadok mmammarima a wɔn nko ara ne Lewifoɔ a wɔtumi bɛn Awurade na wɔsom nʼanim." 47 Afei wɔsusuu adihɔ no. Na ɛyɛ ahinanan a ɛfa biara tentene anammɔn ɔha ne aduonum. Na afɔrebukyia no si asɔredan no anim.

Asɔredan No

48 Afei ɔde me baa asɔredan no ntwonoo mu, na ɔsusuu ntwonoo no afadum, na ɛfa biara tɛtrɛtɛ anammɔn nson ne fa. Na aboboano no tɛtrɛtɛ anammɔn aduonu baako. Na afasuo ntiawa a epuepue anim no anammɔn ɛnan ne fa nʼafanu. 49 Ntwonoo no tɛtrɛtɛ anammɔn aduasa, na ɛfiri anim kɔsi akyire anammɔn dunwɔtwe. Atwedeɛ nnidisoɔ edu bi na wɔforo de . Na adum sisi ntwonoo no afadum no fa biara.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também