Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 15

Yerusalem, Bobe Dua Hunu

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn : 2 "Onipa ba, ɛkwan bɛn so na bobe dutan ho bɛba mfasoɔ asene kwaeɛ mu dua foforɔ biara mman? 3 Wɔtwa dua no bi de biribi a ɛho mfasoɔ? Wɔde pɛɛwa a wɔde nneɛma sensɛn soɔ anaa? 4 Na wɔde ne nyina hyɛ ogya mu na etire ne etire hye ma mfimfini bidie a, ɛho ba mfasoɔ bi anaa? 5 Na ɛho amma mfasoɔ ɛberɛ a ɛdi mu a, ɛbɛyɛ den na wɔbɛtumi de ayɛ mfasodeɛ bi, ɛberɛ a ahye adane bidie?

6 "Enti yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Sɛdeɛ mede bobe dua a ɛfera kwaeɛm nnua mu ama wɔmfa nsɔ ogya no, saa ɛkwan no so na mede nnipa a wɔte Yerusalem no bɛfa. 7 Mɛtu mʼani asi wɔn so. Ɛwom wafiri ogya no mu deɛ, nanso ɛbɛhye wɔn bio. Na metu mʼani si wɔn so a, wobɛhunu mene Awurade. 8 Mɛma asase no ada mpan, ɛfiri wɔanni nokorɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também