Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 28

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Tirohene

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn : 2 "Onipa ba, ka kyerɛ Tiro sodifoɔ no : Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

" Wofiri wʼahantan akoma mu ka ,

"Meyɛ onyame;

mete onyame bi ahennwa so

ɛpo mfimfini."

Nanso woyɛ onipa, wonyɛ onyame,

ɛwom, wodwene wonim nyansa onyame bi.

3 Wonim nyansa sene Daniel anaa?

Wonim kokoamsɛm biara anaa?

4 Wonam wo nyansa ne nhunumu so

anya ahodeɛ ama wo ho.

Woapɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ bebree

agu wʼakoradan mu.

5 Wonam wʼadwadie mu nyansa so

ama wʼahonya adɔɔso,

na wʼahonya enti

wahoran wʼakoma mu.

6 " Ɛno enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ:

" Esiane wodwene wonim nyansa

te Onyame enti,

7 mede ananafoɔ reba abɛtia wo,

amanaman no mu ɔdesɛefoɔ pa ara;

wɔbɛtwetwe wɔn akofena

wʼahoɔfɛ ne wo nyansa so

na wɔahwire wʼanimuonyam no.

8 Wɔde wo bɛto amena no mu,

na wobɛwu owu yaaya

ɛpo mfimfini.

9 Afei wobɛka , "Meyɛ onyame,"

wɔn a wɔkumm woɔ no anim anaa?

Wobɛyɛ onipa na ɛnyɛ onyame

wɔn a wɔkumm woɔ no nsam.

10 Wobɛwu momonotofoɔ wuo

ananafoɔ nsam.

Me na maka, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ "

11 Awurade asɛm baa me nkyɛn : 12 "Onipa ba, ma kwadwom a ɛfa Tirohene ho a ka kyerɛ no : Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

" Na anka woyɛ pɛyɛ nhwɛsodeɛ,

na wowɔ nyansa na woyɛ ahoɔfɛ dua.

13 Na anka wowɔ Eden

Onyankopɔn turo no mu.

Wɔde abohemaa nyinaa siesie wo:

bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ

sikabereɛboɔ, apopobibirieboɔ ne ahwehwɛboɔ,

aboɔdemmoɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ.

Wɔde sika kɔkɔɔ na ayɛ wʼahyehyɛdeɛ,

wɔsiesiee ne nyinaa ɛda a wɔbɔɔ woɔ.

14 Wɔsraa wo ngo ɔhwɛfoɔ Kerub,

ɛfiri saa na mehyɛɛ woɔ.

Na wowɔ Onyankopɔn bepɔ kronkron no so;

wonantee ogya aboɔ mu.

15 Na anka wʼakwan ho nni asɛm

ɛfiri ɛda a wɔbɔɔ woɔ no

kɔsii wɔhunuu amumuyɛ wo mu.

16 Wʼadwadie a emu trɛ no enti

wɔde akakabensɛm hyɛɛ wo ma

na woyɛɛ bɔne.

Ɛno enti mepamoo wo firii

Onyankopɔn bepɔ no so animguaseɛ mu,

na meyii wo adi, Ao ɔhwɛfoɔ Kerub,

firii ogya aboɔ no mu.

17 Wo horanee wʼakoma mu

wʼahoɔfɛ enti,

na womaa wo nyansa porɔeɛ,

wʼanimuonyam no enti.

Enti metoo wo twenee fam;

na mede wo yɛɛ ahwɛdea ahemfo anim.

18 Wode wo nnebɔne ne adwadie mu nsisie

agu wo kronkrommea ho fi,

ɛno enti memaa ogya firii wo mu

na ɛhyee wo,

na mema wo danee nsõ

wɔn a na wɔrehwɛ no nyinaa anim.

19 Aman a na wɔnim woɔ nyinaa

ho adwiri wɔn wo ho:

wʼawieeɛ ayɛ ahomete

na wɔrenhunu wo bio.’ "

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Sidon

20 Awurade asɛm baa me nkyɛn : 21 "Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Sidon na hyɛ nkɔm tia no 22 na ka : Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ:

" Me ne wo anya, Ao Sidon

na mɛnya animuonyam wo mu.

Wɔbɛhunu mene Awurade no,

ɛberɛ a mede asotwe aba wo so

na mada me ho adi ɔkronkronni wo mu.

23 Mɛma ɔyaredɔm aba wo so

na mama mogya atene wo mmɔntene so.

Apirafoɔ bɛtotɔ wo mu,

ɛberɛ a akofena redi ahim wo ho nyinaa.

Afei na wɔbɛhunu mene Awurade no.

24 " Na Israelfoɔ rennya ayɔnkofoɔ a wɔwɔ adwemmɔne, wɔn a wɔwowɔ yayaaya ɔhwerɛm ne nkasɛɛ bio. Afei na wɔbɛhunu mene Otumfoɔ Awurade no.

25 " Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: meboa Israelfoɔ ano firi aman a wabɔ wɔn apete no so a, mɛda me kronkronyɛ adi wɔn mu, ama amanaman no ahunu. Afei wɔbɛtena wɔn ankasa asase a mede maa me ɔsomfoɔ Yakob no so. 26 Wɔbɛtena asomdwoeɛ mu na wɔbɛsisi adan, ayeyɛ bobe nturo; Wɔbɛtena ase asomdwoeɛ mu ɛberɛ a matwe nʼayɔnkofoɔ a wɔkasa tiaa no no nyinaa aso. Afei wɔbɛhunu mene Awurade, wɔn Onyankopɔn no.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também