Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 33

Ɔwɛmfoɔ Hesekiel

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn : 2 "Onipa ba, kasa kyerɛ wo ɔman mma na ka kyerɛ wɔn : metwe mʼakofena asase bi so, na asase no so nnipa yi wɔn mmarima no mu baako ɔnyɛ ɔwɛmfoɔ mma wɔn, 3 na ɔhunu akofena reba abɛtia asase no a, ɔhyɛne totorobɛnto de nnipa no kɔkɔ. 4 Na obi te totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wanna ne ho so, na akofena no bɛkum no a, ne mogya bɛbɔ ɔno ankasa tiri so. 5 Esiane ɔtee totorobɛnto no nnyegyeeɛ na wantie kɔkɔbɔ no enti, ne mogya bɛbɔ nʼankasa tiri so. ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔnyaa ne tiri didii mu. 6 Nanso ɔwɛmfoɔ no hunu akofena no reba na wanhyɛne totorobɛnto no ammɔ nnipa no kɔkɔ, na akofena no ba bɛkum wɔn mu baako a, wɔbɛfa saa onipa no akɔ ne bɔne enti, nanso mɛma ɔwɛmfoɔ no abu owufoɔ no mogya ho akonta.

7 "Onipa ba, mayɛ wo ɔwɛmfoɔ ama Israel efie, ɛno enti tie mʼanum nsɛm na fa kɔkɔbɔ a ɛfiri me nkyɛn ma wɔn. 8 meka kyerɛ omumuyɛfoɔ , Ao omumuyɛfoɔ owuo na wobɛwuo,na wʼankasa ankyerɛ no amma wamfiri nʼakwan so a, saa omumuyɛfoɔ no bɛwu ne bɔne mu, na mɛma woabu ne mogya ho akonta. 9 Nanso wobɔ omumuyɛfoɔ no kɔkɔ ɔmfiri nʼakwan so na wanyɛ a, ne bɔne enti, ɔbɛwu, nanso worenni ne mogya ho .

10 "Onipa ba, ka kyerɛ Israel efie : Yei ne deɛ moreka: "Yɛn mfomsoɔ ne yɛn nnebɔne hyɛ yɛn so, yɛresɛe ɛsiane yeinom enti. Na ɛdeɛn na yɛbɛyɛ na yɛanya nkwa?" 11 Ka kyerɛ wɔn , mete ase yi, Otumfoɔ Awurade asɛm nie, mʼani nnye amumuyɛfoɔ wuo ho, na mmom mepɛ wɔdane firi wɔn akwan so na wɔnya nkwa. Monnane! Monnane mfiri mo amumuyɛ akwan no so! Adɛn enti na ɛsɛ mowuwuo, Ao Israel efie?

12 "Ɛno enti onipa ba, ka kyerɛ wo ɔman mma , Ɔteneneeni tenenee rentumi nye no nkwa ɛberɛ a ɔnnyɛ ɔsetie; na omumuyɛfoɔ amumuyɛ remma ɔnhwe ase ɛberɛ a ɔdane firi ho. ɔteneneeni bɔne a, ɔrennya nkwa ne kane teneneeyɛ enti.13 meka kyerɛ ɔteneneeni ɔbɛnya nkwa, na afei ɔde ne ho to ne teneneeyɛ so na ɔyɛ bɔne a, wɔrenkae ne kane tenenee adeyɛ biara. Ɔbɛwu ne bɔne a wayɛ enti. 14 Na meka kyerɛ omumuyɛfoɔ , Owuo na wobɛwuo,na afei ɔdane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, 15 na ɔsane de bosea ho awowasideɛ ma, na ɔsane de deɛ wawia ma, na ɔdi ahyɛdeɛ a ɛma nkwa soɔ, na wanyɛ bɔne a, ampa ara ɔbɛnya nkwa, na ɔrenwu. 16 Wɔrenkae bɔne a wayɛ no mu biara ntia no. Wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene, ampa ara ɔbɛnya nkwa.

17 "Nanso wo ɔman mma ka , Awurade akwan ntene.Nanso ɛyɛ wɔn akwan mmom na ɛnteneɛ. 18 ɔteneneeni firi ne tenenee ho na ɔyɛ bɔne a, ɛno enti ɔbɛwu. 19 Na omumuyɛfoɔ dane firi ne nnebɔne ho na ɔyɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene a, ɔbɛnya nkwa. 20 Nanso, Ao Israel efie, moka , Awurade akwan ntene.Nanso mɛbu obiara atɛn sɛdeɛ nʼakwan teɛ."

Wɔkyerɛ Yerusalem Ahweaseɛ Ase

21 Yɛn nnommumfa afe a ɛtɔ so dumienu no bosome a ɛtɔ so edu no nnannum so, ɔbarima bi a wadwane afiri Yerusalem baa me nkyɛn bɛkaa , "Kuropɔn no ahwease!" 22 Na anwummerɛ a adeɛ rebɛkyeɛ ama ɔbarima no aba no, na Awurade nsa me so na ɔbuee mʼano ansa na ɔbarima no baa anɔpa. Enti na mʼano abue a metumi kasa.

23 Afei Awurade asɛm baa me nkyɛn , 24 "Onipa ba, nnipa a wɔtete saa mmubuiɛ so Israel asase no so no reka , Abraham mpo a ɔyɛ onipa baako no, ɔnyaa asase no nyinaa. Enti yɛn a yɛdɔɔso yi nso, nokorɛm, wɔde asase no nyinaa ama yɛn yɛn agyapadeɛ.25 Ɛno enti, ka kyerɛ wɔn , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: mowe ɛnam a mogya mu, na mosom mo anyame na mohwie mogya guo enti, ɛsɛ mofa asase no anaa? 26 Mode mo ho to mo akofena so. Moyɛ akyiwadeɛ na mo mu biara gu ne yɔnko yere ho fi. Ɛsɛ monya asase no anaa?

27 "Ka yei kyerɛ wɔn , Deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Ampa ara mete ase yi, wɔn a wɔaka kuro no mmubuiɛ soɔ no bɛtotɔ akofena ano. Wɔn a wɔwɔ wiram no mede wɔn bɛma nkekaboa ama wɔawe wɔn na wɔn a wɔwɔ abandenden ne abodan mu no, ɔyaredɔm bɛkunkum wɔn. 28 Mɛsɛe asase no ama ayɛ afo, na nʼahomasoɔ ahoɔden no bɛba awieeɛ na Israel mmepɔ no bɛda mpan a obiara rentwam . 29 Afei wɔbɛhunu mene Awurade no, ɛberɛ a mama asase no ada mpan akyiwadeɛ a wɔayɛ nyinaa enti.

30 "Wo deɛ, onipa ba, wo ɔman mma reka wo ho nsɛm afasuo ho ne afie apono ano kyerɛ wɔn ho wɔn ho , Mommra mmɛtie asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn aba.31 Me nkurɔfoɔ ba wo nkyɛn, sɛdeɛ wɔyɛ daa no, bɛtenatena wʼanim bɛtie wo nsɛm, nanso wɔmmfa nyɛ adwuma. Wɔde wɔn ano ka ahofama, nanso wɔn akoma mu deɛ wɔn ani bere asisie mu adenya. 32 Nokorɛm, wɔn deɛ, wote obi a ne nne , na ɔde nnwontodeɛ to ɔdɔ nnwom, ɛfiri wɔte wo nsɛm nanso wɔmmfa nyɛ adwuma.

33 "yeinom nyinaa ba mu a, na nokorɛm ɛbɛba mu nso, na afei wɔbɛhunu odiyifoɔ bi baa wɔn mu."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também