Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 19

Israel Mmapɔmma Ho Kwadwom

1 "Momma Israel mmapɔmma ho kwadwom 2 na monka :

" Na wo maame gyatabereɛ mu soronko

agyata mu!

Ɔdaa gyataburuwa mu

yɛnee ne mma.

3 Ɔyɛn ne mma no mu baako

ma ɔbɛyɛɛ gyata ɔhoɔdenfoɔ.

Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu,

na ɔwee nnipa nam.

4 Amanaman no tee ne nka,

na wɔn amena yii no.

Wɔguu no nkapo de no kɔɔ

Misraim asase so.

5 " Ɛberɛ a ɔhunuu nʼanidasoɔ anyɛ ,

na deɛ ɔrehwɛ anim ayera no,

ɔfaa ne ba foforɔ

yɛɛ no gyata ɔhoɔdenfoɔ.

6 Ɔkyinkyinii agyata no mu

ɛfiri na wayɛ gyata hoɔdenfoɔ.

Ɔsuaa sɛdeɛ wɔtete ahaboa mu

na ɔwee nnipa nam.

7 Ɔbubuu wɔn abandenden

na ɔsɛee wɔn nkuro.

Asase no ne wɔn a wɔte so nyinaa no,

ne mmobomu bɔɔ wɔn hu.

8 Afei amanaman no sɔre tiaa no,

wɔn a wɔfiri nsase a atwa ahyia no so.

Wɔguu no asau kyeree no

wɔn amena mu.

9 Wɔde nnarewa twee no kɔhyɛɛ ebuo mu

na wɔde no brɛɛ Babilonia ɔhene.

Wɔde no too nneduafie,

na wɔante ne mmobomu no bio

Israel mmepɔ no so.

10 " Na wo maame te bobedua

a wɔtɛɛ no nsuo ho wo bobeturo mu.

Na ɛso aba, na ɛyiyii mman

nsuo a ɔnya no bebree no enti.

11 Ne mman yɛɛ den yie

ɛdi mu wɔde ahemfo ahempoma.

Ɛkorɔn, bunkam faa nhahan a ayɛ kuhaa no so,

ne sorokɔ ne ne mman bebree no

maa no yɛɛ sononko.

12 Nanso wɔde abufuhyeɛ tuu nʼase

de no hwee fam.

Apueeɛ mframa maa no kasaeɛ,

ɛso aba tete guiɛ;

na ne mman a ɛwɔ ahoɔden no twintwameeɛ

na ogya hyeeɛ.

13 Afei wɔakɔtɛ no ɛserɛ so

asase wesee a nsuo nni muo.

14 Ogya trɛ firii ne mman baako so

na ɛhyee nʼaba.

Anka mman a ɛwɔ ahoɔden baako mpo so

deɛ wɔde ahemfo ahempoma ma ɛyɛ yie no.

Yei kwadwom, na ma wɔnto no saa ara."

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também