Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 45

Asase No Mu Kyekyɛ

1 " mokyekyɛ asase no mu agyapadeɛ a, ɛsɛ mode ɛfa bi ma Awurade ɔmantam kronkron a ne tentene anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500), na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn mpem aduasa (30,000); saa beaeɛ no nyinaa bɛyɛ kronkron. 2 Wɔbɛgya asase yi mu bi a ɛyɛ ahinanan a ne fa biara anammɔn ahanson ne aduonum (750) ama kronkronbea, na mfikyisase a atwa ho ahyia no tɛtrɛtɛ anammɔn aduɔson enum (75). 3 Monsusu ɔmantam kronkron asase no mu bi a ne tentene anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn mpem dunum (15,000). Ɛhɔ na wɔbɛsi kronkronbea, Kronkron Mu Kronkron no. 4 Ɛbɛyɛ asase no fa a ɛyɛ kronkron ma asɔfoɔ a wɔsom kronkronbea na wɔbɛn Awurade, na wɔsom nʼanim. Ɛhɔ na wɔbɛsisi wɔn afie na ayɛ beaeɛ kronkron ama kronkronbea no nso. 5 Asase a ne tentene anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn mpem dunum (15,000) bɛyɛ beaeɛ a wɔbɛkyekyere nkuro ama Lewifoɔ a wɔsom asɔredan mu no atena mu wɔn agyapadeɛ.

6 " Wɔbɛgya asase a ne tɛtrɛtɛ anammɔn mpem nson ne ahanum (7,500) na ne tentene nso anammɔn mpem aduasa nson ne ahanum (37,500) a ɛtoa beaeɛ kronkron no so no ama kuropɔn no; ɛbɛyɛ Israel efie nyinaa dea.

7 " Ɔhene no bɛfa asase a ɛne ɔmantam kronkron no ne kuropɔn no daberɛ hyeɛ. Ɛbɛtrɛ akɔ atɔeɛ fam ne apueeɛ fam akɔpem atɔeɛ ne apueeɛ ahyeɛ so, na ɛne mmusuakuo no mu baako asase abɔ hyeɛ atifi fam ne anafoɔ fam. 8 Asase no bɛyɛ nʼagyapadeɛ Israel. Na me mmapɔmma renhyɛ me nkurɔfoɔ so bio, na mmom wɔbɛma Israel efie ɛkwan ama wɔafa asase no sɛdeɛ wɔn mmusuakuo no teɛ.

9 " Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Moaduru akyiri pa ara, Israel mmapɔmma! Monnyae mo basabasayɛ ne mo nhyɛsoɔ na monyɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ. Monnyae me nkurɔfoɔ nsase a mogyegyeɛ no, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 10 Ɛsɛ mode nsania ne susudeɛ a ɛyɛ susu adeɛ. 11 Kɛntɛn baako, a ɛyɛ lita ɔha aduɔwɔtwe mmienu (182), na mode bɛsusu adeɛ biara dodoɔ; ɛfah ne bat bɛyɛ kɛntɛn baako mu nkyɛmu edu. 12 Dwetɛ mpɔ na mode bɛsusu adeɛ mu duru. Dwetɛ mpɔ baako bɛyɛ gram dumienu, na dwetɛ mpɔ aduosia ayɛ gram ahanson aduonu (720).

Afɔrebɔdeɛ Ne Nna Kronkron

13 " Akyɛdeɛ soronko a ɛsɛ wode ma nie: Ayuo kilogram mmiɛnsa ne atokoɔ kilogram mmienu ne fa. 14 Ngo dodoɔ a wɔatwa ato no nyɛ lita mmienu ne fa. 15 Afei wɔmfa nnwankuo ahanu a wɔwɔ Israel adidibea a ɛhɔ nsuo no mu baako. Yeinom na wɔde bɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ a ɛbɛyɛ mpatadeɛ ama nnipa no, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ. 16 Ɛsɛ Israelfoɔ nyinaa kɔka ɔheneba no ho na ɔde nʼafɔrebɔdeɛ ba. 17 Ɛbɛyɛ ɔheneba no asɛdeɛ ɔde afɔrebɔdeɛ a wɔde ma ɔsom afahyɛ bi te ɔbosome foforɔ afahyɛ, home nna ne nna a ɛtete saa no ba. Ɔde bɔne ho afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ ho afɔrebɔdeɛ, atokoɔ afɔrebɔdeɛ, nsã afɔrebɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ bɛba abɛyɛ nkabomudeɛ ama Israel.

18 " Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛdi ɛkan no, ɛsɛ wɔde nantwinini ba baako a ne ho nni dɛm dwira kronkronbea . 19 Ɛsɛ ɔsɔfoɔ no de bɔne afɔrebɔdeɛ no mogya no bi keka asɔredan no aponnwa, afɔrebukyia no apa a ɛwɔ soro no ntweaso ɛnan no ne mfimfini adihɔ no aponnwa ho. 20 Ɛsɛ woyɛ ade korɔ yi ara ɔbosome no ɛda a ɛtɔ so nson de ma obiara a ɔfiri anibiannasoɔ mu bɛyɛ bɔne anaa nim a ɔnnim enti ɔbɛyɛ bɔne, na wo nam so de ayɛ mpata ama asɔredan no.

21 " Ɔbosome a ɛdi ɛkan no ɛda a ɛtɔ dunan no, ɛsɛ modi Twam Afahyɛ a ɛyɛ apontoɔ a wɔde nnanson na ɛyɛ no. Saa ɛberɛ no, mobɛdi burodo a mmɔreka nni mu. 22 Saa ɛda no ɛsɛ ɔhene no de nantwinini a wɔde bɛbɔ afɔdeɛ ama no ne asase no so nnipa nyinaa ba. 23 Ɛda biara nnanson Afahyɛ no mu, ɛsɛ ɔhene no de nantwinini nson ne nnwennini nson a wɔn ho nni dɛm biara ba ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ma Awurade, ne ɔpapo bɔne afɔrebɔdeɛ. 24 Deɛ ɛsɛ ɔde ba aduane afɔrebɔdeɛ kɛntɛn baako (lita dumienu) a ɛka nantwinini biara ho ne kɛntɛn baako (lita dumienu) nso a ɛka odwennini baako biara ho. Ngo lita ɛnan nso ka kɛntɛn biara ho.

25 " Nnanson Afahyɛ a wɔhyɛ aseɛ ɔbosome a ɛtɔ so nson no ɛda a ɛtɔ so dunum no mu no, ɔhene no de saa nneɛma no ara bɛba bɔne afɔrebɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ, aduane afɔrebɔdeɛ ne ngo.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também