Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 42

Asɔfoɔ Adan

1 Afei, ɔbarima no dii mʼanim faa atifi fam kɔɔ mfikyire adihɔ de me baa adan a ɛne asɔredan adihɔ di nhwɛanim, na ɛne atifi fam adihɔ ɔfasuo no nso di nhweanim. 2 Ɛdan a ne ɛpono kyerɛ atifi fam yi tentene anammɔn ɔha ne aduonum, na ne tɛtrɛtɛ nso anammɔn aduɔson enum. 3 Adan no bi ne mfimfini adihɔ no a ne tentene anammɔn aduasa no di nhweanim. Na adan no bi nso ne aboɔ nsɛweeɛ a ɛwɔ mfikyire adihɔ no di nhwɛanim. Ɛso mmrannaa kyerɛkyerɛ anim nsan mmiɛnsa no mu biara so. 4 Adan no anim no, na ɛkwan bi da a ne tɛtrɛtɛ anammɔn dunum na tentene anammɔn ɔha ne aduonum. Wɔn apono no ano kyerɛkyerɛ atifi fam. 5 Adan a ɛwɔ asan a ɛwɔ ɔsoro no mu susua, ɛfiri na nʼabrannaa no mu trɛ sene mmrannaa a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. 6 Adan a ɛwɔ asan a ɛtɔ so mmiɛnsa no nni afadum sɛdeɛ nsan a ɛwɔ aseɛ no no; enti na emu susua sene adan a ɛwowɔ nsan a ɛdidi aseɛ no. 7 Na ɔfasuo bi nkyɛn a ɛne adan no ne mfikyire adihɔ no sa so; na ne tentene anammɔn aduɔson enum a ɛfa adan no anim. 8 Adan a ɛsa soɔ na ɛtoa mfikyire adihɔ no so no tentene anammɔn aduɔson enum, nanso adan a ɛsa soɔ a ɛbɛn asɔredan no tentene anammɔn ɔha ne aduonum. 9 obi firi mfikyire adihɔ reba mu a, ɔbɛhunu adan a ɛwɔ fam pa ara no aboboano ani kyerɛ apueeɛ fam. 10 Anafoɔ fam no, adan mmienu bi di nhwɛanim asɔredan no ne asɔredan no adihɔ ntam, na 11 ɛkwan bi da adan no anim. Saa adan yi te adan a ɛwɔ atifi fam no; wɔn tentene ne wɔn tɛtrɛtɛ . Ɛho apono a wɔfa mu pue ne nsusuiɛ . Apono a ɛwɔ atifi fam no 12 nso sesɛ adan a ɛwɔ anafoɔ fam no apono. Na ɛpono bi ɛkwan a ɛne ɔfasuo a ɛkɔ apueeɛ fam no sa soɔ no ano. Ɛhɔ na wɔfa adan no mu.

13 Na ɔka kyerɛɛ me , "Atifi fam ne anafoɔ fam adan a ani hwɛ asɔredan adihɔ no asɔfoɔ no dea. Ɛhɔ na asɔfoɔ a wɔkɔ Awurade anim no bɛdi afɔrebɔdeɛ kronkron no. Ɛhɔ na wɔde afɔrebɔdeɛ kronkron pa ara a ɛyɛ aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ ne afɔdie afɔrebɔdeɛ no bɛgu, ɛfiri beaeɛ no kronkron. 14 asɔfoɔ no beaeɛ kronkron , a ɛnsɛ wɔkɔ mfikyire adihɔ kɔsi wɔbɛyiyi wɔn ɔsom ntadeɛ agu , ɛfiri saa ntadeɛ no kronkron. Ɛsɛ wɔhyɛ ntadeɛ foforɔ bi ansa na wɔabɛn mmeammea a ɔmanfoɔ tumi no."

15 Ɔsusuu deɛ ɛwɔ asɔredan no mu wieeɛ no, ɔde me faa apueeɛ ɛpono no ano pueeɛ, na ɔsusuu asɔredan no ho hyiaaɛ. 16 Ɔsusuu apueeɛ fam na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 17 Ɔsusuu atifi fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 18 Ɔsusuu anafoɔ fam, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 19 Afei ɔdanee nʼani hwɛɛ atɔeɛ fam, na ɔsusuiɛ no, na ɛyɛ anammɔn ahanson ne aduonum. 20 Enti na ne mfefaremu no anammɔn ahanson ne aduonum afanan no nyinaa, na ɛtwa kronkronbea ne asafo atenaeɛ no ntam.

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também