Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 17

Akɔdeɛ Mmienu Ne Bobe Ho Asɛm

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn , 2 "Onipa ba, dwene mfatoho bi ho, fa abɛbusɛm na ka kyerɛ Israel efie. 3 Ka kyerɛ wɔn , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔkɔdeɛ kɛseɛ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden mu ne ntakra atentene bebree a ɛwɔ ahosu ahodoɔ baa Lebanon. Ɔkɔsii ntweneduro dua nkɔn mu, 4 buu ne mman a ɛwɔ atifi paa na ɔde kɔɔ adwadifoɔ asase bi so kɔdua wɔn kuropɔn mu.

5 " Ɔfaa wʼasase so aba no bi kɔhyɛɛ dɔte bereɛ mu. Ɔduaa no ɔfɔtɔ dua a ɛwɔ nsuwansuwa ho, 6 na ɛfefɛ bɛyɛɛ bobe a ɛtrɛtrɛ fam. Ne mman no danedane kyerɛɛ ne so, na ne nhini no nyini kɔɔ fam. Enti ɛbɛyɛɛ bobe yiyii mman a ɛso nhahan a ɛyɛ .

7 " Nanso na ɔkɔdeɛ kɛseɛ foforɔ bi a ɔwɔ ntaban a ahoɔden wo mu na ne ho ntakra bebree . Bobe no danee ne nhini firii beaeɛ a wɔduaa no kyerɛɛ ɔkɔdeɛ no na ɔtrɛɛ ne mman kɔɔ ne so kɔpɛɛ nsuo. 8 Nanso, na wɔadua bobe no asase pa a ɛbɛn nsuwansuwa ho, sɛdeɛ ɛbɛyiyi mman na aso aba na afei abɛyɛ bobe dua a ɛdi mu.

9 "Ka kyerɛ wɔn , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɛbɛyɛ yie anaa? Wɔrentu nʼase ntete ne so aba ma ɛntwintwam anaa? Deɛ afefɛ ho nyinaa bɛtwintwam. Ɛho renhia abasa a emu duru anaa nnipa bebree na watu nʼase. 10 wɔtu bobe no a, ɛbɛyɛ yie? apueeɛ mframa no a, ɛrentwintwam anaa? Ɛbɛwu asase pa a wɔduaa so ma ɛnyinii yie no.’ "

11 Afei, Awurade asɛm baa me nkyɛn : 12 "Ka kyerɛ saa atuatefoɔ efie yi , Monnim deɛ saa nneɛma yi kyerɛ anaa?Ka kyerɛ wɔn , Babiloniahene kɔɔ Yerusalem kɔsoaa ne ɔhene ne ne mmapɔmma de wɔn baa Babilonia. 13 Ɔyii ɔdehyeɛ baako ne no kaa ntam yɛɛ apam. Ɔsoaa ntuanofoɔ ne atitire a wɔwɔ asase no so nso kɔɔeɛ, 14 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ahennie no renyɛ den na wɔrensɔre bio, na apam no nko ara na ɛbɛbɔ wɔn ho ban. 15 Nanso Israelhene no somaa ananmusifoɔ kɔɔ Misraim kɔsrɛɛ akodɔm kɛseɛ ne apɔnkɔ bebree nam so tee atua. Ɔbɛdi nkonim anaa? Deɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bɛnya ne tiri adidi mu anaa? Ɔbɛbu apam no so na wanya ne tiri nso adidi mu anaa?

16 " mete ase yi, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ, Israelhene no bɛwu Babilonia. Ɔbɛwu Babilonia, asase a ɔhene ɔde no sii ahendwa so na ɔbuu nʼapam so no so. 17 Farao ne ne dɔmmarima ne nnipadɔm ho remma no mfasoɔ biara ɔko mu, ɛberɛ a Babilonia asisi epie na wayɛ otua nnwuma a ɔde rebɛsɛe bebree nkwa. 18 Ɔbuu apam no so, nam so de too ntam no. Esiane ɔde ne nsa ahyɛ apam no ase na ɔyɛɛ yeinom nyinaa enti, ɔremfa ne ho nni.

19 " Enti sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: mete ase yi, mɛma me ntam a ɔtooɛ, ne mʼapam a ɔbuu so no abɔ ne tiri so. 20 Mɛtrɛ mʼasau mu ne so na mʼafidie bɛyi no. Mede no bɛba Babilonia na mabu no atɛn , ɛfiri wanni me nokorɛ. 21 Nʼakodɔm a wɔredwane nyinaa bɛtotɔ akofena ano, na wɔn a wɔbɛnya wɔn ti adidim no, mɛhwete wɔn akɔ mmaa nyinaa. Afei wobɛhunu me Awurade makasa.

22 " Sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Me ankasa mɛpan mman afiri ntweneduro dua no nkɔn mu na madua. Mɛpan mman frɔmfrɔm ketewaa bi afiri ne nkɔn mu akɔdua bepɔ tentene bi so. 23 Mɛdua Israel sorɔnsorɔmmea. Ɛbɛyiyi mman na aso aba na ayɛ ntweneduro dua a ɛdi mu. Nnomaa ahodoɔ bɛyɛ wɔn mpirebuo so na wɔanya ahomegyebea mman no nwunu mu. 24 Wira mu nnua nyinaa bɛhunu , me Awurade na metwa dua tentene to fam na mema dua a ɛyɛ tiawa nyini tentene. Mema dua mono atwintwam na mema deɛ atwintwam nso frɔmm.

" Me Awurade na maka, na mɛyɛ.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também