Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 44

Ɔhene No, Lewifoɔ No, Asɔfoɔ No

1 Afei, ɔbarima no sane de me baa kronkronbea no abɔntenpono no a ɛkyerɛ apueeɛ fam no ano, na wɔato mu. 2 Na Awurade ka kyerɛɛ me , "Ɛsɛ ɛpono a wɔato mu yi tena saa ara. Ɛnsɛ wɔbue. Obiara mmfa nhyɛne mu. Ɛnsɛ wɔbue, ɛfiri Awurade, Israel Onyankopɔn afa ahyɛne mu. 3 Ɔhene no ankasa nko ara na ɔbɛtumi atena abɔntenpono no ano na wadidi Awurade anim. Ɔno na ɔtumi fa abɔntenpono no ntwonoo mu hyɛne mu, na ɔfa ara firi adi."

4 Afei, ɔbarima no de me faa atifi fam abɔntenpono no mu de me baa asɔredan no anim. Mehwɛeɛ na mehunuu Awurade animuonyam ahyɛ Awurade asɔredan no ma, na mebutuu .

5 Na Awurade ka kyerɛɛ me , "Onipa ba, hwɛ adeɛ yie, tie no yie, na ma wʼani nku biribiara a mɛka akyerɛ wo a ɛfa nhyehyɛeɛ a ɛwɔ Awurade asɔredan no ho nyinaa. Ma wʼani nku asɔredan no ɛpono ne mmeaeɛ a wɔfa firi adi firi kronkronbea nyinaa. 6 Ka kyerɛ Israel efie atuatefoɔ no , Sei na Awurade seɛ: Mo akyiwadeɛ no adɔɔso, Ao Israel efie! 7 Mo akyiwadeɛ a aka no nyinaa akyi no, mode ananafoɔ a wɔyɛ akoma mu ne honam fam momonotofoɔ aba me kronkronbea de agu mʼasɔredan ho fi, ɛberɛ a mode aduane, sradeɛ ne mogya brɛɛ me na mosɛee mʼapam. 8 mobɛyɛ mo adwuma a ɛfa mʼakronkronneɛ ho no, mo maa afoforɔ bɛhwɛɛ me kronkronbea so mmom. 9 Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Ɔnanani a ɔyɛ akoma mu ne honam fam momonoto biara nni ɛkwan ɔhyɛne me kronkronbea . Ananafoɔ a wɔte Israelfoɔ mu mpo nni ɛkwan saa.

10 " Lewifoɔ a wɔfirii me nkyɛn kɔɔ akyirikyiri ɛberɛ a Israel fom ɛkwan ne wɔn a wɔtwee wɔn ho firii me ho kɔdii wɔn ahoni akyi no, ɛsɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. 11 Wɔbɛtumi asom me kronkronbea ɛberɛ a wɔhwɛ asɔredan no apono so na wɔsom mu; wɔbɛtumi akum ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ na wɔabɔ afɔdeɛ ama nnipa no, na wɔagyina nnipa no anim asom wɔn. 12 Nanso, ɛsiane wɔsomm wɔn wɔn ahoni no mu na wɔmaa Israel efie kɔɔ bɔne mu enti, mama me nsa so aka ntam , ɛsɛ wɔn bɔne so asodie bɛda wɔn so. Otumfoɔ Awurade asɛm nie 13 Ɛnsɛ wɔbɛn me wɔrebɛsom me asɔfoɔ anaasɛ wɔbɛn mʼakronkronneɛ mu biara anaa mʼafɔrebɔdeɛ kronkron; ɛsɛ wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ ho aniwuo ka wɔn. 14 Nanso mede asɔredan no mu dwumadie bɛhyɛ wɔn nsa. Wɔbɛyɛ ɛho som biara mu.

15 " Na mmom asɔfoɔ a wɔyɛ Lewifoɔ ne Sadok asefoɔ a wɔyɛɛ adwuma nokorɛm me kronkronbea ɛberɛ a Israelfoɔ fom ɛkwan no bɛtumi abɛn me na wɔasom mʼanim; ɛsɛ wɔgyina mʼanim na wɔbrɛ me sradeɛ ne mogya afɔrebɔdeɛ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie. 16 Wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan wɔhyɛne me kronkronbea ; wɔn nko ara na wɔwɔ ho ɛkwan wɔtwi bɛn me ɛpono, bɛsom mʼanim na wɔyɛ me som nnwuma.

17 " wɔwura apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ no mu a, ɛsɛ wɔhyɛ nwera ntadeɛ. Ɛnsɛ wɔhyɛ kuntu atadeɛ ɛberɛ a wɔresom apono a ɛkɔ mfimfini adihɔ anaasɛ asɔredan no mu. 18 Ɛsɛ wɔbɔ nwera abotire na wɔhyehyɛ nwera ntadeɛ wɔn ase. Ɛnsɛ wɔhyehyɛ biribiara a ɛbɛma wɔate fifire. 19 wɔkɔ mfikyire adihɔ, faako a nnipa no no a, ɛsɛ wɔyi ntadeɛ a wɔhyɛ de someeɛ no na wɔgya de gu adan kronkron no mu, na wɔhyehyɛ ntadeɛ foforɔ, ɛbɛyɛ a wɔmmfa wɔn dwumadie ntadeɛ no nnwira nnipa no ho.

20 " Ɛnsɛ wɔbɔ tikwa anaasɛ wɔma wɔn tirinwi fu kuhaa, mmom ɛsɛ wɔbubu so fɛfɛɛfɛ. 21 Ɔsɔfoɔ biara nnnom bobesa ɛberɛ a wahyɛne mfimfini adihɔ . 22 Ɛnsɛ wɔware akunafoɔ anaa mmaa awaregyaefoɔ. Wɔtumi ware mmaabunu a wɔyɛ Israelfoɔ asefoɔ anaa akunafoɔ a na anka wɔn kununom asɔfoɔ. 23 Wɔnkyerɛkyerɛ me nkurɔfoɔ nsonsonoeɛ a ɛda adeɛ a ɛyɛ kronkron ne adeɛ a ɛyɛ kwasafo deɛ ntam, na wɔmma wɔn nhunu deɛ ɛma biribi adeɛ a ɛho nteɛ anaasɛ ɛho teɛ.

24 " Akasa akasa biara mu no, asɔfoɔ na wɔbɛyɛ atemmufoɔ agyina me mmaransɛm so abu atɛn. Ɛsɛ wɔdi me mmara ne mʼahyɛdeɛ a ɛfa mʼafahyɛ ahodoɔ no so, na wɔyɛ me home nna kronkron.

25 " Ɛnsɛ ɔsɔfoɔ funu ho na ɔde gu ne ho fi; gye funu no nʼagya, ne maame, ne ba, ne nuabarima anaa ne nuabaa a ɔnwareeɛ; ne saa deɛ a, ɔtumi ho de gu ne ho fi. 26 Na wɔdwira ne ho a, ɛsɛ ɔtwɛn nnanson. 27 Ɛda a ɔbɛkɔ kronkronbea no mfimfini adihɔ akɔsom kronkronbea no, ɛsɛ ɔbɔ bɔne afɔdeɛ ma ne ho, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.

28 " Me nko ara ne agyapadeɛ a asɔfoɔ no . Ɛnsɛ moma wɔn kyɛfa biara Israel. Mɛyɛ wɔn kyɛfa. 29 Wɔbɛdi aduane afɔrebɔdeɛ, bɔne afɔrebɔdeɛ, afɔdie afɔrebɔdeɛ, na biribiara a wɔahyira so ama Awurade Israel no bɛyɛ wɔn dea. 30 Mo nnuaba a ɛdi ɛkan no mu deɛ ɛdi mu ne mo akyɛdeɛ sononko no nyinaa bɛyɛ asɔfoɔ no dea. Ɛsɛ mode mo mmɔre a ɛdi ɛkan no ma wɔn na nhyira atena mo afie mu. 31 Ɛnsɛ asɔfoɔ no we aboa biara a wawu nam, ɛyɛ anomaa anaa wiram aboa biara.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também