Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 25

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Amon

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn : 2 "Onipa ba, fa wʼani kyerɛ Amonfoɔ so na hyɛ nkɔm tia wɔn. 3 Ka kyerɛ wɔn , Montie Otumfoɔ Awurade asɛm. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane wokaa "Ahaa" guu me kronkronbea so ɛberɛ a wɔguu ho fi ne Israel asase ɛberɛ a ɛdaa mpan, ne Yudafoɔ ɛberɛ a wɔkɔɔ nnommumfa mu 4 enti, mede mo rebɛma nnipa a wɔfiri Apueeɛ fam na wɔde mo ayɛ wɔn dea. Wɔbɛkyekyere wɔn nsraban, asisi wɔn ntomadan mo mu; wɔbɛdi mo nnuaba na wɔanom mo nufosuo. 5 Mɛdane Raba ayɛ no yoma adidibea na Amon ayɛ baabi a nnwan gye wɔn ahome. Afei mobɛhunu mene Awurade no. 6 Na sei na Otumfoɔ Awurade sɛe: Esiane moabɔ mo nsam de mo nan apempem , na mo de akoma mu bɔne nyinaa adi ahurisie atia Israel asase enti, 7 mɛtene me nsa atia mo na moayɛ afodeɛ ama amanaman no. Mɛtwa mo afiri amanaman no mu na matɔre mo ase nsase no mu. Mɛsɛe mo na mobɛhunu mene Awurade no.’ "

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab

8 "Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane Moab ne Seir kaa , "Monhwɛ, Yuda efie ayɛ amanaman a aka no" 9 enti, mɛbue Moab nkyɛn mu, afiri nkuro a ɛdeda nʼahyeɛ so, Bet-Yesimot, Baal-Meon ne Kiriataim, a ɛyɛ asase no animuonyam. 10 Na mede Moab bɛka Amonfoɔ ho ama nnipa a wɔwɔ Apueeɛ fam de ayɛ wɔn dea, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrenkae Amonfoɔ amanaman no mu; 11 na mɛtwe Moab aso. Na wɔbɛhunu mene Awurade no.’ "

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

12 "Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane Edom tɔɔ werɛ Yuda efie so na ɔnam so dii no enti, 13 deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Mɛtene me nsa atia Edom na makum ne mmarima ne ne mmoa. Mɛma asase a ɛda Teman kɔsi Dedan ada mpan, na wɔbɛtotɔ akofena ano. 14 Me nkurɔfoɔ Israelfoɔ bɛyɛ nsa a mɛfa so atɔ Edom so wereɛ na ne no bɛdi no sɛdeɛ mʼabufuo ne mʼabufuhyeɛ teɛ; wɔbɛhunu mʼaweretɔ, Otumfoɔ Awurade asɛm nie.’ "

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Filistia

15 "Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Esiane Filistifoɔ tɔɔ awere, na wɔde akoma mu nsusuiɛ bɔne na ɛyɛɛ saa, na wɔde ɔtane a ɛfiri tete sɛee Yuda enti, 16 sɛdeɛ Otumfoɔ Awurade seɛ nie: Merebɛtene me nsa atia Filistifoɔ, na matwa Keretifoɔ no agu na masɛe wɔn a wɔaka mpoano no. 17 Mɛtɔ wɔn so were a ɛso, na matwe wɔn aso mʼabufuhyeɛ mu. Na metɔ wɔn so were a, wɔbɛhunu mene Awurade no.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também