Pular para o conteúdo
Publicidade

Hesekiel 12

Asutwa Ho Nsɛnkyerɛnneɛ

1 Awurade asɛm baa me nkyɛn , 2 "Onipa ba, wote nnipa a wɔte atua mu. Wɔwɔ ani nanso wɔnnhunu adeɛ. Wɔwɔ aso nanso wɔnte asɛm, ɛfiri wɔyɛ nnipa atuatefoɔ.

3 "Enti, onipa ba, boaboa wo nneɛma ano ma asutwa, na adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, firi deɛ wowɔ, na beaeɛ foforɔ. Ɛwom wɔyɛ atuatefoɔ deɛ, nanso ebia wɔbɛte aseɛ. 4 Adekyeɛ mu a wɔrehwɛ no, fa wo nneɛma a woaboa ano ama asutwa no pue. Afei anwummerɛ a wɔrehwɛ no, firi adi sɛdeɛ wɔn atukɔfoɔ no. 5 Ɛberɛ a wɔrehwɛ no, tu ɔfasuo no mu tokuro na yi wo nneɛma no fa mu. 6 Fa to wo mmatire so, ɛberɛ a wɔrehwɛ, na afei adeɛ resa a, soa . Kata wʼanim sɛdeɛ wonhunu asase no, ɛfiri mayɛ wo nsɛnkyerɛnneɛ ama Israel efie."

7 Enti meyɛɛ sɛdeɛ wɔhyɛɛ me no. Adekyeɛ mu no, mede me nneɛma a maboa ano ama asutwa no pueeɛ. Anwummerɛ no, mede me nsa tuu tokuro ɔfasuo no mu, na adeɛ resa no, meyii me nneɛma no soaa no me mmatire so a wɔrehwɛ.

8 Adekyeɛ no, Awurade asɛm baa me nkyɛn , 9 "Onipa ba, saa Israel efie atuatefoɔ no ammisa wo , Ɛdeɛn na woreyɛ yi?

10 "Ka kyerɛ wɔn , sei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Saa nkɔmhyɛ yi fa ɔhene babarima a ɔwɔ Yerusalem ne Israel efie a wɔwɔ nyinaa ho. 11 Ka kyerɛ wɔn , Meyɛ nsɛnkyerɛnnedeɛ ma mo.

"Sɛdeɛ mayɛ no, saa ara na wɔbɛyɛ wɔn. Wɔbɛtwa wɔn asuo akɔ nnommumfa mu.

12 "Ɔhene ba a ɔwɔ wɔn mu no de nʼadesoa bɛto ne batiri so ɛberɛ a adeɛ resa, na wafiri , na wɔbɛtu tokuro ɔfasuo no mu ama wafa mu. Ɔbɛkata nʼanim sɛdeɛ ɔrenhunu faako a ɔrekorɔ. 13 Mɛto mʼatena agu no so na makyere no mʼafidie mu; mede no bɛkɔ Babilonia Kaldeafoɔ asase so, nanso ɔrenhunu, na ɛhɔ na ɔbɛwu. 14 Mɛhwete wɔn a atwa ne ho ahyia nyinaa akɔ mmaa nyinaa; nʼadwumayɛfoɔ ne nʼasraafoɔ nyinaa, na mede akofena ataa wɔn.

15 "Ɛberɛ a mabɔ wɔn apete amanaman so, na mahwete wɔn agu nsase so no, wɔbɛhunu me ne Awurade no. 16 Nanso mɛma wɔn mu kakra anya wɔn tiri adidi mu ɔkɔm, ɔyaredɔm ne akofena ano, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn ani bɛba wɔn akyiwadeɛ ahodoɔ no so aman a wɔbɛkɔ so no mu. Afei wɔbɛhunu me ne Awurade no."

17 Awurade asɛm baa me nkyɛn , 18 "Onipa ba, woredidi a, ma wo ho nwoso, na fa ehu nom wo nsuo. 19 Ka kyerɛ nnipa a wɔwɔ asase no so , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade ka fa wɔn a wɔte Yerusalem ne Israel asase so ho: Wɔde ahopereɛ bɛdidi na wɔde abasamutuo anom nsuo, ɛfiri wɔbɛsɛe asase no so nneɛma nyinaa, ɛsiane wɔn a wɔtete soɔ no akakabensɛm enti. 20 Wɔbɛsɛe nkuro a nnipa tete soɔ no nyinaa na asase no bɛda mpan. Afei wobɛhunu mene Awurade no.’ "

21 Awurade asɛm baa me nkyɛn , 22 "Onipa ba, abɛbuo a mowɔ Israel , Nna no retwam nanso Israel anisoadehunu biara mma muyi, aseɛ ne sɛn? 23 Ka kyerɛ wɔn , Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ: Merebɛma abɛbuo yi aso ha ara, na wɔrenka Israel bio.Ka kyerɛ wɔn , Nna a anisoadehunu biara bɛba mu no abɛn. 24 Na atorɔ anisoadehunu ne nnaadaa abisa Israelfoɔ mu no to bɛtwa. 25 Nanso me Awurade, mɛka deɛ ɛsɛ meka, na ɛrenkyɛre, ɛbɛba mu. Na mo atuatefoɔ efie, mo berɛ so, mɛma deɛ maka biara aba mu. Yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ.’ "

26 Awurade asɛm baa me nkyɛn , 27 "Onipa ba, Israel efie reka , Anisoadeɛ a ɔhunu no bɛba mu mfeɛ bebree akyi, na nneɛma a ɛwɔ daakye akyirikyiri ho nkɔm na ɔhyɛ.

28 "Ɛno enti ka kyerɛ wɔn , Yei na Otumfoɔ Awurade seɛ: Merentwe me nsɛm nkɔ nkyiri bio. Deɛ meka biara bɛba mu, Otumfoɔ Awurade na ɔseɛ.’ "

Estes versículos te tocaram? Ore agora!

+581 estão orando agora.

Junte-se à corrente de oração.

Veja também